1 Chronicles 26:4-6


4 Na Obed-Edom mmabarima nso a wɔyɛ apon ano ahwɛfo yɛ:
Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔto so abien,
Yoa a ɔto so abiɛsa, Sakar a ɔto so anan,
Netanel a ɔto so anum,
5Amiel a ɔto so asia,
Isakar a ɔto so ason, ne Peuletai a ɔto so awotwe.
Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.
6Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmabarima a wotumi ade yɛ yiye nti, wonyaa dibea a ekura tumi wɔ abusua no mu.
Copyright information for TwiAKNA