1 Samuel 12:19-24

19Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel se, “Bɔ Awurade, wo Nyankopɔn, mpae ma wʼasomfo sɛnea yɛrenwu, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahorow nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.”

20Samuel buae se, “Munnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi de, nanso monnnan mo ani mmfi Awurade so, na momfa mo koma nyinaa nsom Awurade. 21Monnsan nkodi ahoni huhuw a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, efisɛ wɔn so nni mfaso. 22Esiane ne din kɛse no nti, Awurade rempo ne nkurɔfo. Awurade afa mo sɛ nʼankasa nʼade. 23Na me de, merenyɛ bɔne ntia Awurade sɛ meremmɔ mpae mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne. 24Nanso monhwɛ sɛ mubesuro Awurade na moasom no nokware mu.
Copyright information for TwiAKNA