2 Chronicles 11:13-17

13Asɔfo ne Lewifo a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuw te no kɔɔ Rehoboam afa. 14Na Lewifo no mpo gyaw wɔn afi ne wɔn agyapade kɔɔ Yuda ne Yerusalem, efisɛ Yeroboam ne ne mmabarima amma wɔn kwan ansom Awurade sɛ asɔfo. 15Yeroboam yii nʼankasa asɔfo ma wɔsom wɔ abosonsomfo nsɔre so a na wɔsom abirekyi ne nantwimma ahoni a na wɔayɛ. 16Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Awurade, Israel Nyankopɔn no dii Lewifo no akyi kɔɔ Yerusalem faako a wobetumi de ayɛyɛde ama Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no. 17Eyi maa Yuda ahenni nyaa ahoɔden, na wɔde mfe abiɛsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokware, sɛnea wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahenni mu no.

Rehoboam Abusua

Copyright information for TwiAKNA