2 Samuel 23:8-13

8Din a edidi so yi yɛ Dawid dɔmmarima:

Nea odi kan ne Yoseb-Basebet a ofi Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofo akɛse Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahanwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu no.

9Nea ɔto so abien wɔ baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahohi aseni. Bere bi Eleasar ne Dawid ka bɔɔ mu, tew gyinae, de tiaa Filistifo bere a Israel asraafo no nyinaa aguan no. 10Okunkum Filistifo no ara kosii sɛ afei, na ontumi mpagyaw ne peaw. Nanso Awurade maa no dii nkonim saa da no. Asraafo a wɔaka no ansan amma kosii bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asade no.

11Nea odi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ofi Harar babarima. Da koro bi, Filistifo no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ aseduafuw bi mu. Israel asraafo no guanee, 12nanso Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuw no mfimfini, kaa Filistifo no gui. Enti Awurade ma odii nkonim.

13Twabere bi a na Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filisti asraafo bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bon mu. Dawid akofo nimdefo aduasa no mu baasa sian kohyiaa no wɔ hɔ.
Copyright information for TwiAKNA