Acts 1:13-15

13Woduu hɔ no, wɔkɔɔ ɔdan bi a na ɛwɔ aban a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne:

Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea;
Filipo, Toma,
Bartolomeo, Mateo,
Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.

14Na saa asuafo yi nyinaa taa ne mmea bi te sɛ Yesu ne na Maria ne Yesu nuabarimanom hyia bɔ mpae.

15Nna kakraa bi akyi no gyidifo no a wɔn dodow bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiae na Petro sɔre kasae se:
Copyright information for TwiAKNA