Exodus 32:30-34

30Ade kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no se, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsan akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔw no so akɔhwɛ sɛ ebia, menya bɔnefakyɛ ama mo ana.”

31Enti Mose san kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame. 32Enti meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din fi nhoma a woakyerɛw no mu.”

33Awurade buaa Mose se, “Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afi me nhoma mu. 34Enti afei, kɔ na di nkurɔfo no anim kɔ baabi a mekyerɛɛ wo no na mehyɛ wo bɔ sɛ mɛma me bɔfo adi wʼanim; nanso sɛ mebɛsra nkurɔfo no a, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne no ho.”

Copyright information for TwiAKNA