Judges 13:4-7

4Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsa a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwade. 5Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan renka ne ti, efisɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn fi awo mu. Obegye Israel afi Filistifo nsam.”

6Ɔbea no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amanneɛ sɛ, “Onyankopɔn nipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfo no mu baako a ne ho yɛ hu yiye. Mammisa no baabi a ofi bae, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me. 7Nanso ɔka kyerɛɛ me se, ‘Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima. Enti nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den na nni biribiara a ɛyɛ akyiwade. Na wo babarima no bɛyɛ obi a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn sɛ Nasareni fi awo mu kosi bere a obewu.’ ”

Copyright information for TwiAKNA