Numbers 14:13-18

13Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Na Misraimfo no bɛte! Wonam wo tumi so yii saa nnipa yi fii wɔn mu. 14Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wonim sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wohu omununkum dum ne ogya sɛ egyina yɛn atifi, na wonim sɛ wudi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo. 15Na sɛ wukum wo nkurɔfo yi nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka se, 16Awurade kum wɔn wɔ sare no so, efisɛ wantumi amfa wɔn ankodu asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.’

17“Afei Awurade nna nʼahoɔden adi, sɛnea wahyɛ no: 18Awurade yɛ nyaa wɔ nʼabufuw mu, na ne dɔ ne bɔne ne atuatew so bɔnefakyɛ no boro so. Nanso onnyaw ɔfɔdifo a ɔntwe nʼaso; ɔtwe mma aso wɔ agyanom bɔne ho kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne nan mu.’
Copyright information for TwiAKNA