Proverbs 4

Pere Hwehwɛ Nyansa


1 Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ;
monyɛ aso na moanya ntease.

2 Mema mo adesua a ɛkɔ anim,
enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.

3 Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima,
meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho.

4 Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se,
“Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm,
di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa.

5 Nya nyansa, nya ntease;
mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho.

6 Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban;
dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.

7 Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.
Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease.

8 Di no ni na ɛbɛma wo so;
yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam.

9 Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti so
na wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.”

10 Me ba, tie na fa nea meka no,
na wo nkwanna bɛyɛ bebree.

11 Mɛkyerɛ wo nyansa kwan so
na mede wo afa akwan a ɛteɛ so.

12 Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waa
na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.

13 Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu,
bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa.

14 Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan so
na nnantew abɔnefo kwan so.

15 Kwati no, ntu kwan mfa so;
dan fi so na kɔ wo kwan.

16 Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna;
na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

17 Wodi amumɔyɛsɛm brodo,
na wɔnom kitikitiyɛ nsa.


18 Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan,
ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee.

19 Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii;
wonnim nea ɛma wohintiw.


20 Me ba, yɛ aso ma nea meka;
tie me nsɛm no yiye.

21 Mma emfi wʼani so,
fa sie wo koma mu;

22 efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu
ne akwahosan ma nipadua no nyinaa.

23 Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban,
efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.

24 Mma oburu kasa mfi wʼano;
mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.

25 Hwɛ wʼanim tee,
na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so.

26 Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼanan
na fa akwan a atim so.

27 Mman mfa nifa anaa benkum;
twe wo nan fi bɔne ho.
Copyright information for TwiAKNA