Psalms 36

Awurade somfo Dawid dwom.


1 Nkɔmhyɛ bi wɔ me koma mu a efi Onyankopɔn hɔ
a ɛfa omumɔyɛfo mmarato ho.
Onyankopɔn suro nni wɔn ani so.

2 Na ɔno ankasa ani so no ɔdaadaa no ho dodo,
nti ɛmma onhu ne bɔne nnyae yɛ.

3 Nʼanom nsɛm yɛ atirimɔden ne nnaadaa;
onnim nyansa bio na wayɛ papa.

4 Ɔda ne mpa so mpo a ɔbɔ pɔw bɔne;
na ogyaa ne ho ma bɔne kwan
na ɔmpo nea enye.


5 Awurade, wʼadɔe du ɔsorosoro
wo nokwaredi du wim tɔnn.

6 Wo trenee te sɛ mmepɔw akɛse.
Wʼatɛntrenee mu dɔ sɛ po bun.
Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.

7 Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo!
Nnipa mu akɛse ne nketewa
nya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.

8 Wodi nea abu so wɔ wo fi,
woma wɔnom fi wʼanika asuten no mu.

9 Wo nkyɛn na nkwa asuti wɔ;
wo hann mu na yehu hann.


10 Kɔ so dɔ wɔn a wonim wo,
ma wo trenee ntena wɔn a wɔteɛ, koma mu.

11 Mma ɔhantanni nan ntia me
anaa omumɔyɛfo nsa nnsunsum me.

12 Hwɛ sɛnea nnebɔneyɛfo ahwehwe ase,
wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.
Copyright information for TwiAKNA