1 Corinthians 4

Kristo asomafo

1Ɛsɛ sɛ mubu yɛn sɛ Kristo asomfo a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a nokware wɔ mu no ahyɛ yɛn nsa. 2Ade baako a wɔhwehwɛ afi onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ, obedi ne wura no nokware. 3Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn mprempren a ɛmfa me ho. Mʼankasa nso mimmu me ho atɛn. 4Mʼadwene mu yɛ fann nanso ɛno nkyerɛ sɛ midi bem fitaa. Awurade nko ara na obu me atɛn.

5Enti ɛnsɛ sɛ mubu obiara atɛn kosi sɛ bere a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wobebu atɛn a etwa to. Ɔbɛda nea ahintaw wɔ sum mu no adi na wada nea ahintaw wɔ nnipa koma mu no nso adi. Na nkamfo a ɛsɛ sɛ onipa biara nya fi Onyankopɔn hɔ no, wɔakamfo no.

6Anuanom, mo nti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛso sɛnea ɛbɛma mo asua asɛm a ɛka se, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na obu ɔfoforo nso onipa teta. 7Hena na ɔka kyerɛɛ wo se wokorɔn sen afoforo? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn nti na wode hoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ akyɛde?

8Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dedaw! Moyɛ adefo dedaw. Moayeyɛ ahemfo nanso yɛnyɛ bi! Nokwarem, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho. 9Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafo yi de, Onyankopɔn de yɛn atwa to sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ bagua mu sɛ nnipa ne wiase abɔfo nyinaa nhwɛ.

10Kristo nti, yɛyɛ nkwaseafo, nanso moyɛ anyansafo wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛw, nanso moyɛ den. Wommu yɛn nanso wobu mo. 11Ebesi saa bere yi mu ɔkɔm ne sukɔm de yɛn. Yefura ntamagow; wɔhwe yɛn; yedi atutena; 12yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yehyira; wɔhwe yɛn a yegyina ano. 13Wɔyaw yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ wiase yi mu wura bi a yɛnka hwee de besi nnɛ.

14Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ migu mo anim ase nti na mekyerɛw saa nhoma yi brɛɛ mo. Na mmom mepɛ sɛ mekyerɛ mo kwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn. 15Na sɛ mowɔ ahwɛfo ɔpedu mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nti, menam Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya. 16Mesrɛ mo sɛ munsuasua me.

17Ɛnam eyi so nti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔ ba a odi me nokware wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaekae mo mʼakwan foforo a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no.

18Mo mu bi ayɛ ahantan, susuw sɛ meremmɛsra mo. 19Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfo yi betumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no. 20Onyankopɔn ahenni no nyɛ nsɛm na ɛyɛ tumi. 21Emu nea ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa koma a ɔdɔ wɔ mu na ebu ade na memfa mmra mo nkyɛn?

Copyright information for TwiNAK