John 1

Hann a ɛwɔ sum mu

1Ansa na wɔrebɛbɔ wiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dedaw. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. 2Mfitiase no, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. 3Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara. 4Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann. 5Hann no hyerɛn wɔ sum mu a sum no ntumi nni hann no so.

6Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane. 7Obedii hann no ho adanse sɛnea ɛbɛma nnipa nam ne so agye hann no adi. 8Ɛnyɛ ɔno ankasa ne hann no, na mmom, ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse. 9Saa hann yi ne nokware hann a ɛba wiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.

10Saa bere no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase de, nanso ɔbaa wiase no, wiase anhu no. 11Ɔbaa nʼankasa ne man mu, nanso ne manfo annye no anto mu.

12Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma, 13wɔ honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa.

14Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtenae ma yehuu nʼanuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ayɛ no ma. 15Yohane kaa ne ho asɛm se, “Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ kɛse sen me, efisɛ, ɔwɔ hɔ ansa na wɔwoo me no.’ 16Ofi ne mmɔborɔhunu a ɛto ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa. 17Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu so na yenyaa adom ne nokware. 18Obi bi nhuu Onyankopɔn da gye ne Ba koro no a ɔte sɛ Onyankopɔn no, efisɛ, ɔne Agya no na ɛwɔ hɔ na wada Agya no ho nsɛm nyinaa adi akyerɛ yɛn.”

Yohane adansedi

19Yudafo mpanyin a wɔwɔ Yerusalem somaa asɔfo ne Lewifo kɔɔ Yohane nkyɛn kobisaa no se, “Wone Agyenkwa no anaa?”

20Yohane antwentwɛn asɛm no mmuae so. Ɔpaee mu ka kyerɛɛ wɔn prɛko pɛ se, “Ɛnyɛ mene Agyenkwa no.”

21Wobisaa no se, “Ɛnne, na wone hena, Elia anaa?” Obuaa wɔn se, “Dabi”. Wobisaa no bio se, “Wone Odiyifo no?” Ɔsan bua wɔn se, “Dabi”.

22Wɔsan bisaa no se, “Ɛnne, na wone hena? Ka kyerɛ yɛn na yɛnkɔbɔ wɔn a wɔsomaa yɛn no amanneɛ. Asɛm bɛn na wowɔ ka fa wo ho?”

23Yohane buaa wɔn se, “Mene ɛnne a efi sare so a ɛreteɛm sɛnea Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm se, ‘Munsiesie mo ho mma Awurade ba a ɔbɛba no no.’ ”

24Afei wɔn a Farisifo no somaa wɔn no bisaa Yohane bio se, 25“Sɛ ɛnyɛ wone Agyenkwa no anaa Elia anaa Odiyifo no a, adɛn nti na wobɔ asu?”

26Yohane nso buae se, “Me de, nsu na mede bɔ asu, nanso obi wɔ mo mfinimfini ha a munnim no, 27a ne mpaboa mpo memfata sɛ meworɔw; ɔno na obedi mʼakyi aba.” 28Saa asɛm yi sii Betania a ɛwɔ asubɔnten Yordan agya, faako a na Yohane rebɔ asu no.

Yesu, Onyankopɔn Guammaa no

29Ade kyee a Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteɛɛm kae se, “Oyi ne Onyankopɔn Guammaa a ɔnam ne so de wiase bɔne nyinaa kyɛ no! 30Oyi ne nea mekaa ne ho asɛm se, ‘Nea odi mʼakyi reba no yɛ kɛse sen me, efisɛ, na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrewo me.’ 31Me de, na minnim no, nanso mede nsu bɛbɔɔ asu sɛnea ɛbɛyɛ na mɛda oguammaa no adi akyerɛ Israel.”

32Na Yohane dii adanse se, “Mihuu Honhom no sɛ asian aba ne so sɛ aborɔnoma a ɔresian fi soro. 33Na anka minnim no, nanso na Onyankopɔn a ɔsomaa me sɛ memfa nsu mmɔ asu no aka akyerɛ me se, ‘Onipa a wubehu sɛ Honhom no besian abesi ne so no, ɔno ne obi a ɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ asu.’ 34Mahu eyinom nyinaa sɛ aba mu na midi ho adanse sɛ oyi ne Onyankopɔn Ba no.”

Yesu asuafo a wodi kan

35Ade kyee a Yohane ne nʼasuafo no mu baanu gyina baabi no, wohui sɛ Yesu retwam. 36Yohane hwɛɛ no, kae se, “Oyi ne Onyankopɔn Guammaa no!”

37Asuafo baanu no tee nea ɔkae no, wokodii Yesu akyi.

38Yesu twaa nʼani hui sɛ wodi nʼakyi no, obisaa wɔn se, “Dɛn na morehwehwɛ?” Wɔn nso bisaa no se, “Rabi, a ne nkyerɛase ne Kyerɛkyerɛfo, ɛhe na wote?”

39Obuaa wɔn se, “Mommra mmɛhwɛ.” Enti wɔne no kɔ kɔhwɛɛ faako a ɔte no ne no tenaa hɔ fi awia nnɔnan kosii anwummere. 40Nnipa baanu a wɔtee Yohane asɛm no nti ɛma wokodii Yesu akyi no mu baako ne Simon Petro ne nua Andrea.

41Ade a edi kan a Andrea yɛe ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no.” 42Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no se, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso efi nnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Ɛno ara ne Petro a nʼasekyerɛ ne “Ɔbotan” no.

Yesu frɛ Filipo ne Natanael

43Ade kyee no, Yesu yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkɔ Galilea. Ohuu Filipo ka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi.” 44Filipo nso na ofi Betsaida a ɛhɔ na Petro ne Andrea nso fi.

45Filipo fi hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no a Mose ne adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ofi Nasaret no ba.”

46Natanael bisaa Filipo se, “Ade pa bi betumi afi Nasaret da?” Filipo nso ka kyerɛɛ no se, “Bra na bɛhwɛ.” 47Bere a Yesu huu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkae se, “Israelni nokwafo ni ampa.”

48Natanael bisaa Yesu se, “Woyɛɛ dɛn huu sɛnea mete?” Yesu nso buaa no se, “Bere a wowɔ akutu dua no ase hɔ no na mihuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo.”

49Natanael kae se, “Kyerɛkyerɛfo, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!”

50Yesu bisaa no se, “Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo se mihuu wo wɔ akutu dua no ase nti na wugye di anaa? Wubehu anwonwade a ɛsen eyi. 51Mereka nokware akyerɛ wo se, wubehu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian ba Onipa Ba no nkyɛn.”

Copyright information for TwiNAK