Psalms 107

Nkyɛm a ɛto so anum

Nnwom 107–150

Onyankopɔn adɔe

1“Monna Awurade ase efisɛ oye; nʼadɔe wɔ hɔ daa!”
2Ti saa asɛm yi mu fa kamfo Awurade, mo a wagye mo.
Wagye mo afi mo atamfo nsam.
3Ɔde mo afi amanɔnne.
Ɔde mo afi apuei ne atɔe, atifi ne anafo.
4Ebinom nantew sare a ɔkwan nna mu so a wontumi nhu kwan mma kurom mmɛtena mu.
5Ɔkɔm ne sukɔm dee wɔn maa wɔn anidaso sae.
6Na wɔn haw mu, wɔfrɛɛ Awurade na ogyee wɔn fii wɔn haw mu.
7Ɔde wɔn faa ɔkwan tee so baa kurom faako a wobetumi atena.
8Ɛsɛ sɛ wɔda Awurade ase wɔ ne dɔ a ɛnsa no ne anwonwade a ɔyɛ maa wɔn no ho.
9Wɔn a sukɔm de wɔn no, ɔma wɔn nsu nom na wɔn a ɔkɔm de wɔn no, ɔde nnepa ahyɛ wɔn ma.
10Na ebinom a wɔyɛ nneduafo a wɔrehu amane wɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu te mmɔborɔ ne sum mu,
11efisɛ, wɔasɔre atia Otumfoɔ Nyankopɔn mmara na wɔabu nʼahyɛde so.
12Adwuma a ɛyɛ den ma wɔbrɛe; wɔbɛtew ahwe na wɔrennya obi nso wɔn mu.
13Afei wɔn haw mu, wɔfrɛɛ Awurade na ogyee wɔn amanehunu no mu.
14Oyii wɔn fii wɔn mmɔborɔ ne esum no mu bubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu asinasin.
15Ɛsɛ sɛ wɔda Awurade ase wɔ ne dɔ a ɛnsa da no ne anwonwade a ɔyɛ maa wɔn no ho.
16Obubu kɔbere apon twitwa nnade mu.
17Ebinom kwasea nti, wohuu amane wɔ wɔn bɔne ho.
18Wohu aduan a, wontumi nnyina efisɛ, na wɔreyɛ awuwu.
19Afei, wɔn haw mu, wɔfrɛɛ Awurade na ogyee wɔn fii wɔn amanehunu mu.
20Ɔnam ne kasa so saa wɔn yare gyee wɔn fii damoa mu.
21Ɛsɛ sɛ wɔda Awurade ase wɔ ne dɔ a ɛnsa da no ne anwonwade a ɔyɛ maa wɔn no ho.
22Ɛsɛ sɛ wɔbɔ afɔre da no ase na wɔto ahosɛpɛw nnwom de kyerɛ nea wayɛ nyinaa.
23Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ po so a na po so adwumayɛ na wofi mu didi.
24Wohui sɛ Awurade tumi yɛ anwonwade wɔ po so nso.
25Ɔkasae mmaa ahum fii ase tui na ɛwosowoo asorɔkye no.
26Ahyɛn no pagyaw kɔɔ soro na ɛsan bɔ wuraa po no mu, kɔɔ ase pɛɛ.
Saa amanehunu yi maa nnipa bo tui
27ma wokyim tɔɔ ntintan sɛ asabofo.
Wɔn suahu nyinaa ho amma mfaso.
28Afei wɔn haw mu no, wɔfrɛɛ Awurade na ogyee wɔn fii wɔn haw no mu.
29Ɔbrɛɛ ahum no ase na asorɔkye no yɛɛ dinn.
30Ɛyɛɛ dinn no, wɔn ani gyei na ɔde wɔn baa hyɛngyinabea a na wɔpɛ sɛ wɔba hɔ no asomdwoe mu.
31Ɛsɛ sɛ wɔda Awurade ase wɔ ne dɔ a ɛnsa da no ne anwonwade a ɔyɛ maa wɔn no ho.
32Ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka ne kɛseyɛ wɔ nnipa nyinaa anim na wɔkamfo no wɔ agyinatufo mpanyimfo anim.
33 Awurade maa nsubɔnten yoyowee koraa, na otwaa nsuwa teɛ a ɛteɛ so.
34Ɔmaa asase pa danee sare a nkyene wɔ mu esiane amumɔyɛsɛm a na wɔn a wɔte hɔ no yɛ no nti.
35Ɔsesaa sare maa nsu twitwaa mmura wɔ hɔ maa nsuwa nso bɔɔ asase kesee so.
36Ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn tenaa hɔ na wɔkyekyeree kurow tenaa mu wɔ hɔ.
37Woduaa mfuw no mu nnɔbae ne bobe na wotwaa nnɔbae bebree.
38Ohyiraa ne nkurɔfo ma wɔwoo mma bebree.
Wamma wɔn anantwi dodow no so antew.
39Bere a wodii Onyankopɔn nkurɔfo so na wodii wɔn nya atirimmɔden so no,
40ne bo fuw weretɔfo no ma wokyinkyinii sare a ɔkwan nna baabiara no so.
41Nanso ogyee wɔn a ade ahia wɔn no fii wɔn ahokyere mu na ɔmaa wɔn abusua no ase trɛwee.
42Atreneefo hu eyi ma wɔn ani gye na wɔma amumɔyɛfo nyinaa yɛ komm.
43Momma wɔn a wɔyɛ anyansafo no nsusuw eyinom ho na wonhu Awurade dɔ a ɛwɔ hɔ daa no.
Copyright information for TwiNAK