Psalms 131

Ahotoso mu mpaebɔ

1 Awurade, magyae mʼahantan ne mʼahomaso no.
Memma nsɛm akɛse, anaa nea ɛyɛ den ma me, nyɛ mʼasɛm.
2Na mmom mʼani sɔ, na mewɔ asomdwoe.
Sɛnea akokoaa da ne na basa so dinn no, saa ara na me koma da dinn wɔ me mu.
3Israel, fa wo ho to Awurade so, ɛnnɛ ne daa nyinaa.
Copyright information for TwiNAK