Psalms 51

Bɔne fafiri mpaebɔ

1Hu me mmɔbɔ,
O Onyankopɔn, wɔ dɔ a wodɔ me daa nti.
Esiane wʼahummɔbɔ kɛse nti, popa me bɔne!
2Hohoro mʼamumɔyɛ nyinaa na tew me ho fi me bɔne mu!
3Mihu me mfomso; daa mekae me bɔne.
4Mayɛ bɔne atia wo; atia wo nko.
Na mayɛ nea woka se ɛyɛ amumɔyɛ.
Enti sɛ wubu me atɛn a, na ɛfata.
Na wudi bem nso sɛ wubu me fɔ.
5Meyɛ bɔne fi mʼawosu mu; efi da a wɔwoo me no, na meyɛ bɔne.
6Nokware na wohwehwɛ.
Fa wo nyansa hyɛ mʼadwene mu.
7Yi me bɔne na me ho bɛtew.
Hohoro me ho na mɛhoa asen sukyerɛmma.
8Ma mente ahosɛpɛw ne anigye.
Ɛwom, woabubu me pasaa de; nanso me ho bɛtɔ me bio.
9Kata wʼani wɔ me bɔne ho na popa mʼamumɔyɛ nyinaa.
10Ma me koma mu ntew,
O Onyankopɔn, na fa nokware honhom foforo hyɛ me mu.
11Mpam me mfi wʼanim.
Nyi wo honhom kronkron, mfi me mu.
12Ma me ahosɛpɛw a efi wo nkwagye mu no bio.
Na ma ɛnyɛ me pɛ sɛ metie wo.
13Na mɛkyerɛ nnebɔneyɛfo wo mmara na wɔbɛsan aba wo nkyɛn.
14Fa me nkwa kyɛ me,
O Onyankopɔn, na gye me nkwa na mede anigye bɛda wo trenee adi.
15Boa me na menkasa,
Awurade, na mɛkamfo wo.
16Wompɛ afɔrebɔ anka mɛbɔ wo bi.
Ɔhyew afɔre nsɔ wʼani.
17Mʼafɔrebɔ yɛ ahobrɛase honhom,
O Onyankopɔn.
Worempo ahobrɛase ne koma a anu ne ho.
18O Onyankopɔn, ma Sion nhu wʼayamye na boa no na ɔnto Yerusalem afasuw no.
19Na afei wʼani bɛsɔ afɔrebɔ a edi mu ne ɔhyew afɔre ne anantwinini afɔre a wɔbɛbɔ wɔ wʼafɔremuka so.
Copyright information for TwiNAK