Psalms 8

Ɔbɔadeɛ ne abɔde anuonyam

1O Awurade, yɛn Awurade, wo kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa.
Nkamfo a wɔkamfo wo no du soro.
2Mmofra ne nkokoaa kamfo wo.
Woasiesie wo ho ama wʼatamfo nyinaa; wusiw obiara a otia wo no kwan.
3Sɛ mehwɛ soro a wo ara woabɔ, ne sɛnea woatoto ɔsram ne nsoromma pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn afa a,
4ɔdasani ne hena a wokae no, na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho!
5Na wobɔɔ no ɔketewa sen abɔfo, bɔɔ no anuonyam ne nidi abotiri.
6Na wode no sii ade biara a wobɔe so panyin; wode no sii abɔde nyinaa so panyin
7a nguan ne anantwi ne wuram mmoa,
8wim nnomaa ne ɛpo mu mpataa ne emu abɔde ka ho.
9O Awurade, yɛn Awurade, wohu wo kɛseyɛ wɔ wiase mmaa nyinaa.
Copyright information for TwiNAK