Psalms 15

Dawid dwom.


1 Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu?
Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?


2 Nea ne ho nni asɛm
na ɔyɛ nea ɛteɛ,
nea ɔka nokware a efi ne koma mu

3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa
nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne
na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa,

4 nea obu afideyɛni animtiaa
na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade,
nea odi ne ntam so,
bere a etia no mpo,

5 nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho
na onnye adanmude ntia nea odi bem.

Nea ɔyɛ eyinom no
renhinhim da.
Copyright information for TwiAKNA