1 Timothy 1

Nkyia

1Saa nhoma yi fi Yesu Kristo somafo Paulo a ɔnam Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn anidaso no hyɛ so nkyɛn, 2kɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidi no mu nkyɛn. Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe nka mo.

Mompo atoro akyerɛkyerɛfo

3Mepɛ sɛ motena Efeso sɛnea merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔrekyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn na wogyae. 4Monka nkyerɛ wɔn na wonnyae atorosɛm ne wɔn nenanom din bebrebe a wɔbobɔ no, efisɛ, saa nneyɛe no de akyinnye ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛe a wɔnam gyidi nko so na wohu no. 5Saa ɔhyɛ yi botae ara ne sɛ, ɛbɛkanyan ɔdɔ a efi koma pa, adwenem fann ne gyidi pa mu.

6Nnipa bi atwe wɔn ho afi ɔkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnye hunu. 7Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfo nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte ase. Saa ara nso na wonni gyidi wɔ nsɛm a wɔka no mu.

8Yenim sɛ, sɛ wɔnam mmara kwan so de Mmara no di dwuma a eye. 9Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ, wɔnyɛ mmara mma atreneefo na mmom wɔyɛ ma mmaratofo, nnebɔneyɛfo, wɔn a wonsuro Nyame ne abɔnefo, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho ntew, wɔn a wokum wɔn agyanom ne wɔn nanom, awudifo, 10afideyɛfo, aguamammɔfo, nnipawiafo, atorofo a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokware nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no. 11Saa nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a efi Onyankopɔn a ɔyɛ onuonyamfo na wɔahyira no no nkyɛn.

12Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwen me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no. 13Nanso mmere bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahu me mmɔbɔ na esiane sɛ na minnye nni nti, na minnim nea mereyɛ. 14Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidi ne ɔdɔ a esiane sɛ yɛne Kristo Yesu aka abom no nti, abɛyɛ yɛn dea no.

15Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegye tom na yegye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa. Meyɛ ɔdebɔneyɛfo a odi kan koraa. 16Nanso esiane saa nti, wahu me mmɔbɔ sɛnea ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfo a odi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a enni awiei no adi akyerɛ wɔn a wobegye no adi no na wɔanya nkwa a enni awiei. 17Anuonyam ne nnidi nka Onyankopɔn daadaa. Ɔno ne mmeresantenhene. Ɔno na wonhu no na onwu da nso. Ɔno nkutoo ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.

18Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadi a wɔhyɛɛ ho nkɔm fi tete no hyɛ wo nsa. Wugu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakode, 19na so wo gyidi mu dennen na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɛ so asɛe wɔn gyidi. 20Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Satan na wakyerɛ wɔn sɛnea wɔnnka abususɛm nntia Onyankopɔn.

Copyright information for TwiNAK