2 Timothy 2

Ma Kristo ahoɔden nhyɛ wo den

1Na wo, me ba, ɛnam adom a ama yɛne Kristo Yesu ayɛ baako no nti, yɛ den. 2Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansedifo bebree no, na fa hyɛ nnipa a wugye wɔn di na wobetumi akyerɛ afoforo nso.

3Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa. 4Obi a odi sraa no mfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, efisɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panyin ani. 5Saa ara nso na obi a ɔfra akansi mu a otu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ odi akansi no mmara so. 6Okuafo a wadɔw nʼafuw no, ɛsɛ sɛ onya mu nnɔbae a edi kan no. 7Dwen nsɛm a mereka yi ho efisɛ, Awurade bɛma woate biribiara ase.

8Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wonyanee no fii awufo mu sɛnea wɔkaa no Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no.

9Esiane sɛ meka Asɛmpa no nti, mihu amane; mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛfo. Nanso Onyankopɔn asɛm no ngu nkɔnsɔnkɔsɔn mu; 10na eyi nti biribiara a ɛbɛba me so no, esiane onyankopɔn nnipa a wɔayi wɔn no nri migyina ano sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye ne anuonyam a enni awiei a ɛwɔ Kristo Yesu mu no.

11Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so ni. “Sɛ yɛne no wui a, yɛne no bɛtena ase. 12Sɛ yetumi tena ase a, yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn. 13Sɛ yɛnyɛ nokwafo a, ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo efisɛ, ɔrentumi ntwa ne ho nkontompo.”

Nnye akyinnyehunu

14Monkae mo nkurɔfo wɔ eyi ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim sɛ wonnni wɔn ho akasakasa. Ɛmfa asɛm pa mma. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛe atiefo no adwene. 15Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛfo a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho na wokyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim. 16Twe wo ho fi nsenhuhu a ɛho ntew ho efisɛ, ɛno na ɛpam nnipa fi Onyankopɔn ho. 17Nea wɔkyerɛ no te sɛ akisikuru a edidi fa honam no ani. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto. 18Wɔaman afi nokware no ho na wɔka kyerɛ gyidifo bi se, yɛn wusɔre no atwam dedaw nam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene.

19Nanso obi rentumi nhinhim fapem dennen a Onyankopɔn ato no efisɛ, wɔakyerɛw saa nsɛm yi wɔ so: “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de,” na “Obiara a ɔka se ɔyɛ Awurade de no, ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” 20Nkuku ne nkaka wɔ ofi kɛse mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, ebi nso wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso daa wɔde di dwuma. 21Sɛ obi tew ne ho fi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko efisɛ, watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ odi no, obedi.

22Tew wo ho fi mmerantebere mu nneɛma ho na tiw nneɛma a ɛho tew akyi na di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma pa mu bom frɛ Awurade ma ɔboa no akyi.

23Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnye a ɛmfa hwee mma no mu efisɛ, ɛde akasakasa ba. 24Ɛnsɛ sɛ Awurade somfo ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamye ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔwɔ boasetɔ nso, 25a sɛ wɔn a wɔne no di asi fom a, ɔtɔ ne bo ase teɛ wɔn so, sɛ ebia, Onyankopɔn bɛsakra wɔn adwene na wɔahu nokware no. 26Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔaguan afi ɔbonsam a wakyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛde no afiri mu.

Copyright information for TwiNAK