2 Timothy 4

Paulo afotu

1Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn, nam ne ba a ɔbɛba no ne nʼahenni no a abɛn no so hyɛ wo sɛ, 2ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi atɛn, ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu.

3Bere bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom wobedi wɔn ara wɔn apɛde akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a wɔrepɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn. 4Wɔbɛpo nokware no tie, na wɔatie anansesɛm.

5Nanso mmere nyinaa mu, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye. Amanehunu mu, mia wʼani. Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn somfo.

6Me de, bere adu sɛ wɔde me bɔ afɔre. Bere aso sɛ migyaw asetena yi. 7Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no makora. 8Ade a ɛretwɛn me mprempren ne nkonim akyɛde, trenee abotiri a Awurade a ɔyɛ trenee temmufo no de bɛma me da no; ɛnyɛ me nko na mmom wɔn a wɔtena ase ɔdɔ mu twɛn no no nyinaa.

Nkyerɛkyerɛ a etwa to

9Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. 10Dema dɔɔ nnɛ wiase yi ma ɔyɛɛ saa guan gyaw me kɔɔ Tesalonika. Kreste kɔ Galatia. Tito nso kɔɔ Dalmatia. 11Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, efisɛ, obetumi aboa me adwuma no yɛ. 12Mesomaa Tihiko Efeso. 13Sɛ woreba a fa mʼatade a migyaw wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troia no brɛ me. Ɛyɛ a fa me nhoma no nso ka ho, ne titiriw no, nea wɔde aboa nhoma yɛe no.

14Aleksandro, kɔbere dwumfo no, haw me papaapa; nea ɔyɛe no Awurade betua no so ka. 15Ɛyɛ a hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho, efisɛ, na otia nsɛm a yɛka no mu denneenen.

16Bere a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa guan gyaa me. Onyankopɔn mmfa nntia wɔn. 17Nanso Awurade ne me tenae maa me ahoɔden ma mitumi kaa asɛm no kyerɛɛ Amanamanmufo ma wotiei. Enti wogyee me fii gyata anom. 18Na Awurade begye me afi bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ soro ahenni no mu asomdwoe mu. Ɔno na anuonyam nka no daadaa. Amen.

Nkyia a etwa to

19Kyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo nyinaa ma me. 20Erasto kaa Korinto ɛnna migyaw Trofimo wɔ Mileto, efisɛ, na ɔyare. 21Bɔ mmɔden bra ansa na awɔw bere adu. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyiakyia wo.

22Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.

Copyright information for TwiNAK