Colossians 2

1Mepɛ sɛ mema mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea no ne wɔn a wonhuu me da no hu adwuma dennen a mereyɛ ma wɔn. 2Me botae ne sɛ, wobenya nkuranhyɛ wɔ wɔn koma mu na wɔatena ase ɔdɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya gyidi a ntease de ba no. Na wobehu Onyankopɔn a ɔyɛ Kristo ankasa no. 3Ɔno so na wɔnam hu Onyankopɔn nyansa ne nʼadwene.

4Meka kyerɛ mo se, mommma obiara mmfa akyinnye hunu nnaadaa mo a ɛmfa ho sɛ woye anaa wonye. 5Ɛwom sɛ minni mo nkyɛn wɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom fam. Ɛyɛ me anigye nso sɛ monam Kristo mu gyidi so aka mo ho abom gyina hɔ pintinn.

Kristo mu asetena

6Esiane sɛ moagye Kristo sɛ mo wura nti, mo ne no mmom ntena. 7Munnye ntini wɔ ne mu; momfa mo nkwa nto ne so na mo gyidi mu nyɛ den daa sɛnea wɔkyerɛɛ mo no na monna so ase.

8Monhwɛ yiye na obi amfa ne nnaadaa a efi nnipa nkyerɛkyerɛ ne wiase ahonhom mu a emfi Kristo no amfa mo dommum. 9Efisɛ, Kristo mu na Onyankopɔn te 10na wama mo ho kwan sɛ mo ne no nyɛ baako. Ɔkorɔn sen honhom ne tumi biara.

11Mo ne no ka boom no, wotwaa mo twetia a ɛnyɛ nnipa na wotwaa mo na mmom, ɛyɛ Kristo no ankasa na otwaa mo de tew mo fii nipadua a ɛho ntew no tumi ase. 12Wɔbɔɔ mo asu no nso, wosiee mo ne Kristo. Na asubɔ no ara mu wɔnam mo gyidi a efi Onyankopɔn tumi a ɛyɛ den so nti onyanee Kristo fii awufo mu no so, nyanee mo ne Kristo.

13Esiane mo bɔne nti, bere bi a atwam no, na moyɛ honhom mu awufo na afei ɛma moyɛɛ Amanamanmufo a munni Mmara. Nanso afei Onyankopɔn agye mo nkwa de mo abata Kristo ho. Onyankopɔn de yɛn nyinaa bɔne akyɛ yɛn. 14Ɔnam ne mmara so atwa yɛn bɔne mu afi ne nhoma mu abɔ yɛn bɔne no asɛnnua mu. 15Saa asɛnnua no so na Kristo gyee ne ho fii honhom mu atumfo nsam. Bere a Onyankopɔn maa Kristo dii nkonim wɔ asɛnnua a ɛpataa yɛn bɔne no so no, ɔmaa wiasefo nyinaa hui.

16Enti mommma obiara nnhyehyɛ mmara a ɛfa nea mudi anaa monom, nea ɛfa nna kronkron anaa nea ɛfa asram foforo afahyɛ anaa nea ɛfa Homeda ho mmma mo. 17Saa nneɛma no nyinaa yɛ daakye mu nsɛm sunsum. Kristo ne ɔpapa no. 18Mommma obiara a esiane sɛ ɔfa no sɛ wanya anisoadehu nti ɔka ahobrɛase a enni mu ne abɔfosom ho asɛm no mmu mo atɛn. Saa ahantanfo yi, ɛwom sɛ wɔfa wɔn ho sɛ ahobrɛasefo, wɔ anifere su. 19Saa nnipa no ne Kristo no a ɔyɛ Ti na yɛn nyinaa yɛ nipadua a wɔaka abom no nni ayɔnkofa. Kristo tumi nti, nipadua no nyinaa nya nʼapɛde, na apɔw so ne ntini akɛse suso mu ma ɛbɔ mu baako na enyin sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ enyin no.

20Mo ne Kristo awu nti moatew mo ho afi ahonhom a wodi wiase so no ho. Adɛn nti na mobɔ mo bra sɛ nnipa a wɔhyɛ saa wiase no ase? Adɛn nti na mudi saa mmara no so se, 21“Munnso eyi mu,” “Munnni eyi,” “Mommfa mo nsa nka afoforo?” 22Nso sɛ wɔde eyinom nyinaa di dwuma a, ne nyinaa sɛe. Ɛyɛ onipa mmara ne ne nkyerɛkyerɛ. 23Mmara a ɛte saa a wɔhyɛ wɔ ɔsom mu, boa pa kyerɛ ahobrɛase su, hyɛ nnipa ketee no ho nni mfaso biara ma nipadua no.

Copyright information for TwiNAK