Galatians 4

1Asɛm a mereka ne sɛ, mpɛn dodow a ɔdedifo no yɛ abofra no, ɛwom sɛ agyapade no nyinaa hyɛ ne nsa de, nanso nsonoe biara nna ɔno ne akoa ntam. 2Eisane sɛ onnyinii no nti, nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ, toto nneɛma ma no kosi bere a nʼagya ahyɛ sɛ wɔnnan agyapade no mma no no.

Onyankopɔn tɔɔ yɛn ahofadi

3Saa ara na yɛn nso bere a yɛyɛ mmofra no, wiase ahonhom dii yɛn so ara kosii sɛ yenyinii honhom mu no. 4Nanso mmere pa no dui no, Onyankopɔn somaa ɔno ankasa ne Ba. Ɔbae sɛ ɔba a ɛna awo no bɛhyɛɛ Yuda Mmara ase 5de gyee wɔn a na wɔhyɛ Mmara no ase no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ Onyankopɔn mma.

6Sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ moyɛ ne mma nti, Onyankopɔn somaa ne Ba no Honhom, Honhom a ɛteɛm se, “Agya, mʼagya no,” ma ɛbɛhyɛɛ yɛn koma mu. 7Enti, wonyɛ akoa bio na mmom woyɛ ɔba. Esiane sɛ woyɛ ne ba nti, Onyankopɔn de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne mma.

8Mmere bi a atwam no, na munnim Onyankopɔn, enti mosom wɔn a na wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa. 9Nanso afei a moahu Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn ahu mo yi, adɛn nti na mopɛ sɛ modan mo ho ma nkyerɛkyerɛ a aba nni mu no? Adɛn nti na mopɛ sɛ moyɛ wɔn asomfo bio? 10Mudi nna, abosome, nnapɔnna ne mfe bi. 11Misuro ma mo sɛ masɛe mʼahoɔden wɔ mo ho kwa.

Hwammɔ a Paulo dii

12Mesrɛ mo, me nuanom, monyɛ sɛ me, efisɛ, mete sɛ mo. Monyɛɛ me bɔne biara. 13Sɛnea munim no, na meyare nti na mekaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo kan no. 14Ɛwom sɛ na me nipadua no yɛ sɔhwɛ ma mo de, nanso moampo me. Mmom, mugyee me sɛnea mubegye Onyankopɔn bɔfo; mugyee me sɛnea mubegye Kristo Yesu.

15Mo ani gyei na saa anigye no wiee dɛn? Metumi aka se, sɛ mubetumi a, anka mubetutu mo ani de ama me.

16Nokware a meka kyerɛ mo nti na afei mabɛyɛ mo tamfo yi?

17Saa nnipa no pɛ sɛ wɔtwe mo ba wɔn nkyɛn nanso wonni adwene pa. Wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtetew me ne mo ntam na ama mo ani aku wɔn ho sɛnea wɔn ani ku mo ho no. 18Eye sɛ mubenya saa adwene no ama dwuma pa di a ɛbɛkɔ so saa daa na ɛnyɛ bere a mewɔ mo nkyɛn. 19Me mma pa, mo a mo nti merehu awo yaw bio kosi sɛ Kristo bɛtena mo mu no, 20ɛyɛ me pɛ sɛ anka mewɔ mo nkyɛn na me ne mo dwennwene nsɛm bi ho nanso, esiane yɛn ntam kwan ware a ɛware no nti, minhu nea menyɛ. 21Mibisa mo a mopɛ sɛ mohyɛ Mmara no ase no se, monte nea Mmara no ka no anaa? 22Mmara no se, na Abraham wɔ mma baanu. Ɔne afenaa bi woo baako na ɔne ɔbea bi a ɔde ne ho nso woo baako. 23Afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, ɛnna ɔbea a ɔde ne ho no nso, nam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo ne ba no.

24Saa asɛm yi yɛ mfatoho efisɛ, saa mmea baanu yi gyinaa hɔ ma apam abien. Mmea no mu baako a ne din de Hagar a ofi bepɔw Sinai so no woo ne mma nyinaa wɔ nkoasom mu. 25Hagar wɔ hɔ ma bepɔw Sinai a ɛwɔ Arabia a ogyina hɔ ma Yerusalem a ɔne nʼasefo nyinaa yɛ nkoa. 26Nanso Yerusalem a ɛwɔ soro no de, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn na.

27Efisɛ wɔakyerɛw se, “Di ahurusi, obonin. Wo a wonkoo awo da, di ahurusi, efisɛ, ɔbea a woguan gyaa no no bɛwo pii akyɛn ɔbea a ɔne ne kunu te.”

28Afei, me nuanom, esiane Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛe no nti, moyɛ ne mma te sɛ Isak pɛ. 29Saa bere no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa nea wɔnam Onyankopɔn Honhom mu woo no no. Na ɛnnɛ yi ɛte saa. 30Na Kyerɛwsɛm no ka dɛn? Ɛka se, “Tow afenaa no ne ne ba no kyene; efisɛ, afenaa ba no rennya kyɛfa wɔ nʼagya agyapade mu sɛ ɔbea a ɔde ne ho no ba no.” 31Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma na mmom yɛyɛ ɔbea a ɔde ne ho no mma.

Copyright information for TwiNAK