Hebrews 3

Kristofo yɛ Onyankopɔn fi

1Me nuanom wɔ Kristo mu a Onyankopɔn afrɛ mo, munnwen Yesu a Onyankopɔn somaa no ma ɔbɛyɛɛ ɔsɔfo Panyin wɔ gyidi a yɛka ho asɛm no ho.

2Na odi Onyankopɔn a oyii no sɛ ɔnyɛ saa adwuma yi no nokware sɛnea Mose nso dii nokware wɔ Onyankopɔn fi no. 3Onipa a osi ofi nya anuonyam sen ofi no ankasa. 4Saa ara na ɛte; ɛsɛ sɛ Yesu nya anuonyam sen Mose. Ofi biara, obi na osii. Na Onyankopɔn nso na wabɔ nneɛma nyinaa.

5Mose di Onyankopɔn nokware sɛ ɔsomfo wɔ ne fi na ɔkaa nsɛm a Onyankopɔn bɛka daakye no nyinaa. 6Nanso Kristo de, odi nokware sɛ Ɔba a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Sɛ yɛma yɛn bo yɛ duru na yɛwɔ gyidi wɔ yɛn mu wɔ anidaso mu a, na yɛyɛ ne fi.

7Enti Honhom Kronkron no ka se, “Sɛ nnɛ mote Onyankopɔn nne a, 8monnyɛ asoɔden te sɛ nea moyɛe bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛnea moyɛe da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no. 9Ɛmaa mo mpanyimfo sɔɔ no hwɛe, sɛnea Onyankopɔn ka ni, ɛwom, wohuu nea meyɛɛ no mfe aduanan. 10Esiane saa nti, me bo fuw saa nnipa no kae se, ‘Wɔfom daa wɔ wɔn koma mu, na wontie me mmara nsɛm.’

11“Me bo fuwii na mekaa ntam se, ‘Wɔremma me home mu da.’ ”

12Me nnuanom, monhwɛ yiye na mo mu bi annya koma bɔne a ɔrennye Onyankopɔn nni na ɛbɛma watwe ne ho afi Onyankopɔn teasefo no ho. 13Na mmom, sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne rennaadaa mo mu bi na wɔnyɛ asoɔden nti, da biara mommoaboa mo ho mo ho bere a asɛm “Ɛnnɛ” a ɛwɔ Kyerɛwsɛm mu no fa yɛn ho no. 14Na sɛ yeso gyidi a yɛwɔ no mu dennen sɛnea yɛde fi mfitiase no a, na yɛyɛ Kristo fafafo.

15Kyerɛwsɛm no ka se, “Sɛ ɛnnɛ mote Onyankopɔn nne a, monnyɛ asoɔden te sɛ nea moayɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no.”

16Ɛhefo na wɔtee Onyankopɔn nne na wɔsɔre tiaa no no? Nnipa a Mose dii wɔn anim fi Misraim no nyinaa. 17Ɛhefo na Onyankopɔn bo fuw wɔn mferehyia aduanan no? Nnipa a wɔyɛɛ bɔne na wɔtetew hwe wuwui wɔ sare so no. 18Bere a Onyankopɔn kaa ntam, “Wɔremma me home mu da no,” na ɔreka akyerɛ ɛhefo? Na ɔreka akyerɛ wɔn a wɔayɛ no dɔm no. 19Afei yehu sɛ wɔantumi ankɔ mu, efisɛ, wɔannye anni.

Copyright information for TwiNAK