Hebrews 8

Wɔde Kristo bɔɔ afɔre

1Asɛm a yegyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ ɔsɔfo panyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ soro no ahengua no nifa so. 2Ɔsom sɛ ɔsɔfo panyin wɔ Kronkron mu Kronkron hɔ a ɛkyerɛ ntamadan a Awurade no ankasa sii a ɛnyɛ onipa na osii.

3Woyi ɔsɔfo panyin biara sɛ ɔmfa akyerɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛn sɔfo panyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre. 4Sɛ ɔwɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ, asɔfo wɔ hɔ a wɔde akyɛde ma sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no. 5Dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Ɛte sɛ Mose bere so de no ara pɛ. Bere a ɔpɛe sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea wɔkyerɛɛ wo bepɔw no so sɛ yɛ no no pɛpɛɛpɛ.” 6Nanso wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no te sɛ apam a ne nti, Onyankopɔn ne nnipa pamee, efisɛ, wofi bɔhyɛ pa mu na ɛpam saa apam no.

7Sɛ na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no. 8Nanso Onyankopɔn nyaa ne nkurɔfo ho mfaso na ɔkae se, “Nna bi reba, Awurade na ose, a me ne Israelfo ne Yuda abusuakuw bɛhyehyɛ apam foforo. 9Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn mpanyimfo hyehyɛe wɔ da a misoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛe no ho nokware, ɛno nti mantew mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ose. 10Afei, eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ bere a ɛreba no mu, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem na makyerɛw agu wɔn komam. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo. 11Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko anaa ne kuromni se, ‘Hu Awurade!’ Efisɛ, wɔn nyinaa nim me fi akumaa so kosi ɔkɛse so. 12Mehu wɔn mmɔbɔ wɔn bɔne ho; na merenkae wɔn bɔne bio.”

Nhyehyɛe dedaw no

13Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforo” no, ama nea wɔyɛe kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin yɛ dedaw no nkyɛ yera.

Copyright information for TwiNAK