John 19

1Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa. 2Asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw de hyɛɛ Yesu; afei wɔde atade kɔkɔɔ nso hyɛɛ no. 3Wodii ne ho fɛw, bobɔɔ no asotɔre, kae se, “Yudafo hene, wo nkwa so!”

4Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.” 5Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwene ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, “Onipa no ni!”

6Bere a asɔfo mpanyin ne awɛmfo no huu Yesu no, wɔteɛteɛɛm se, “Bɔ no asɛnnua! Bɔ no asɛnnuam!” Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnuam, efisɛ, minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.”

7Yudafo no buae se, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ owu, efisɛ, ɔkae se, ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”

8Bere a Pilato tee asɛm a wɔkae no, ɔbɔɔ hu yiye. 9Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no.

10Pilato bisaa no se, “Woremmua me anaa? Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, mewɔ tumi sɛ migyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asɛnnuam!”

11Yesu buaa no se, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wunni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”

12Bere a Pilato tee asɛm a Yesu kae no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛm se, “Sɛ wugyaa no a, na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔbɛka se ɔyɛ ɔhene no, yɛ Kaesare tamfo!”

13Bere a Pilato tee asɛm a Yudafo no kae no, ɔde Yesu fii adi na ɔkɔtenaa nʼahengua so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Abo Sɛ, a Hebri kasa mu, ɛyɛ “Gabata.” 14Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu so no, ɛbɛyɛ owigyinae no, Pilato ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Mo hene no ni!”

15Ɛdɔm no nso teɛteɛɛm bio se, “Kum no! Kum no! Bɔ no asɛnnuam!” Pilato bisaa wɔn se, “Mopɛ sɛ mebɔ mo hene no asɛnnuam anaa?” Asɔfo mpanyin no kae se, “Yɛn hene a yɛwɔ ara ne Kaesare!” 16Afei Pilato de Yesu maa Yudafo no sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnuam.

Wɔbɔ Yesu asɛnnuam

17Enti wɔde Yesu a nʼasɛnnua da ne kɔn ho no kɔɔ kurow no mfikyiri baabi a wɔfrɛ hɔ se, “Nitiriso” hɔ, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota.” 18Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asɛnnuam kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfinimfini. 19Pilato kyerɛwee se, “Yesu Nasaretni, Yudafo hene,” ma wɔde taree nʼasɛnnua no atifi.

20Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam ne kurow no mu kwan nware, na bio wɔakyerɛw nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no nti, nnipa bebree hu kenkanee.

21Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato se, “Nkyerɛw se, ‘Yudafo hene’ na mmom kyerɛw se, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkae se, mene Yudafo hene!’ ”

22Pilato kae se, “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”

23Asraafo no bɔɔ Yesu asɛnnuam wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa ɔsraani biara faa mu baako ma ɛkaa nʼatade nhyɛase. Na saa atade no yɛ atade bi a, wɔanwene fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee. 24Asraafo no nyinaa kae se, “Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya.” Ade a wɔyɛe yi sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔkyekyɛɛ me ntade mu, bɔɔ so ntonto fae” no bɛba mu. Nea asraafo no yɛe ne no.

25Nnipa a na wogyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria, a ɔyɛ Klopa yere ne Maria Magdalene. 26Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Ɔbea, wo ba ni.”

27Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, “Wo na ni.” Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae.

Yesu wu

28Saa bere no, Yesu hui sɛ afei de biribiara aba nʼawiei, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, “Osukɔm de me.” 29Wɔde sapɔw a etua hisope ano bɔɔ nsa a emu keka mu de kaa nʼano.

30Yesu nom wiei no, ɔkae se, “Mawie!” Ɔkaa eyi wiei no, osii ne ti ase na ogyaa mu.

31Na ahosiesie da no adu a nʼadekyee so wobedi Twam Afahyɛ no. Saa da no ara nso ɛyɛ Homeda. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asɛnnua no so nti, wɔkɔka kyerɛɛ Pilato se wɔpɛ sɛ wobubu nnipa no nan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayiyi wɔn amu no afi asɛnnua no so. 32Asraafo no kobubuu ɔbarima a odi kan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnuam ho no nan; wowiei no, wokobubuu ɔbarima a ɔto so abien no nso nan. 33Nanso woduu Yesu so no, wohui sɛ ɔno de, na wawu dedaw enti wɔammubu ne nan bi. 34Asraafo no mu baako de ne peaw wɔɔ ne mfe maa mogyasufi fi ne mfe mu bae. 35Onipa a ohuu nea esii yi no, na wadi ho adanse. Nʼadanse no yɛ nokware. Onim sɛ nea ɔka no yɛ nokware. Odi adanse sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi. 36 37Eyinom nyinaa sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔremmu ne dompe bi” ne “Nnipa bɛhwɛ onipa a wɔwɔɔ ne mfe mu peaw” no bɛba mu.

Wosie Yesu

38Eyi akyi no, Yosef a ofi Arimatea a esiane Yudafo ho hu nti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kokoam no kɔsrɛɛ Pilato se ɔmma no kwan na onkoyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so, ɛno nti, okoyii Yesu amu no. 39Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de krobow ne aduhuam mfrafrae bɛyɛ nkaribo ɔha bae. 40Wɔn baanu no de nwera ne aduhuam mfrafrae no kyekyeree Yesu amu no sɛnea Yudafo kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no. 41Na ɔboda foforo bi a wonsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛwɔ baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnuam no. 42Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no nti, wosiee Yesu amu no wɔ hɔ.

Copyright information for TwiNAK