John 6

Yesu ma nnipa mpemnum aduan

1Eyi akyi, Yesu twaa Galilea po a wɔsan frɛ no Tiberia po no. 2Esiane sɛ nkurɔfo hui sɛ Yesu nam anwonwa kwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii nʼakyi. 3Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ bepɔw bi so kɔtenaa hɔ kakra. 4Saa bere no na Twam Afahyɛ no abɛn. 5Bere a Yesu twaa nʼani, hui sɛ nnipakuw no reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo se, “Ɛhe na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi?” 6Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ, na onim nea ɔbɛyɛ. 7Filipo buae se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya sika a emu yɛ duru.”

8Andrea a ɔyɛ Simon Petro ne nua no kae se, 9“Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ abodoo anum ne nkyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?”

10Yesu hyɛɛ nʼasuafo no sɛ, “Momma obiara ntena ase.” Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpemnum. 11Yesu faa abodoo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ nkyenam no nso maa wɔn.

12Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommoaboa aduan a aka no ano na ebi ansɛe.” 13Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumien.

14Nnipa no huu nsɛnkyerɛnne a Yesu ayɛ no, wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifo a yɛrehwɛ no kwan no.”

15Yesu hui sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no hene no, ɔtwee ne ho fii wɔn mu kɔɔ bepɔw no so bio.

Yesu nantew po so

16Onwini dwoe no, Yesu asuafo no kɔɔ Galilea mpoano. 17Wɔtwɛn kosii sɛ ade sae na ɔmma no, wɔkɔtenaa ɔkorow mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum. 18Saa bere no na ahum retu wɔ po so ama po no so ayɛ bagyabagya. 19Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohui sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ, 20Yesu kae se, “Ɛyɛ me. Munnsuro!”

21Wohui sɛ ɛyɛ Yesu no, wɔma ɔbɛtenaa ɔkorow no mu. Ankyɛ koraa na woduu Kapernaum.

22Ade kyee no, nnipa a na wɔwɔ Galilea po no agya no hui sɛ ɔkorow baako pɛ na na ɛwɔ hɔ nanso asuafo no tenaa mu kɔe a na Yesu nka wɔn ho. 23Ankyɛ koraa na akorow foforo bi fi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuw no aduan dii no. 24Bere a nnipa no hui sɛ Yesu ne nʼasuafo no nni hɔ no, wɔtenatenaa akorow no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.

Yesu, nkwa aduan no

25Woduu Kapernaum na wohuu Yesu no, wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na wobaa ha?”

26Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ muhuuu anwonwade a meyɛe no nti na morehwehwɛ me, na mmom sɛ munyaa aduan di mee no nti. 27Monnsɛe mo bere nyinaa mmpere nnhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ, eyi nti na mʼagya somaa me.”

28Nnipa no bisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”

29Yesu buaa wɔn se, “Nea mobɛyɛ na moasɔ Onyankopɔn ani ne sɛ, mubegye ne Ba a ɔsomaa no no adi.”

30Nnipa no bisaa no bio se, “Anwonwade bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi? 31Sɛ wopɛ sɛ yegye wo di sɛ wone Agyenkwa no de a, ɛnne ma yɛn aduan nni daa sɛnea Kyerɛwsɛm no di ho adanse se, ‘Mose maa yɛn nenanom mana dii wɔ sare so no.’ ”

32Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nenanom aduan a efi soro no dii sare so hɔ no na mmom ɛyɛ mʼagya. Na afei de, ɔma mo aduan a efi soro a ɛma nkwa a enni awiei no di daa. 33Saa aduan a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ofi soro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”

34Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Owura, ma yɛn saa aduan no bi nni daa.”

35Yesu kae se, “Mene nkwa abodoo no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da. 36Sɛnea maka akyerɛ mo no, moahu me nnwuma nanso munnye me nni. 37Obiara a mʼagya de no ama me no, bɛba me nkyɛn na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no. 38Na mifi soro baa asase so sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na ɛnyɛ mʼapɛde. 39Na nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ, mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yiye na da a edi akyiri no, manyan wɔn ama wɔn nkwa foforo. 40Mʼagya apɛde ne sɛ, obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no benya nkwa a enni awiei na da a edi akyiri no, manyan no ama no nkwa foforo.”

41Yudafo no tee sɛ Yesu aka se, “Mene aduan a efi soro” no, wonwiinwii.

42Wɔkɔɔ so kae se, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na otumi ka se ofi soro na ɔbae?”

43Yesu buaa wɔn se, “Munnyae anwiinwii no. 44Mommma ɛnnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho na da a edi akyiri no, menyan no. 45Adiyifo no kyerɛwee se, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a otie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn. 46Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahu Agya no pɛn gye onipa a ofi Agya no nkyɛn no.

47“Mereka nokwasɛm akyerɛ mo sɛ, obiara a ogye me di no, nya nkwa a enni awiei. 48Mene nkwa aduan no. 49Mo nenanom dii mana wɔ sare so nso wowuwui, 50nanso aduan a efi soro ba no yɛ aduan a obi di a ɔrenwu da. 51Mene nkwa aduan a efi soro no; sɛ obi di saa aduan yi a, ɔbɛtena ase daa. Aduan a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no, ne me honam a mede ma sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa.”

52Asɛm a Yesu kae yi maa Yudafo no bo fuwii ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi betumi de ne honam ama yɛn sɛ aduan ama yɛadi?”

53Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduan na moannom ne mogya a, morennya nkwa a enni awiei. 54Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya no nya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no, menyan no ama no nkwa foforo. 55Me honam ne aduan pa no na me mogya nso ne nsu pa no. 56Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya sɛ nsu no, te me mu na me nso mete ne mu. 57Sɛnea Agya teasefo no somaa me na ɔno nti mete ase no, saa ara nso na obiara a odi me honam sɛ aduan no, me nti, ɔbɛtena ase. 58Eyi ne aduan a efi soro bae. Ɛnte sɛ mana a yɛn nenanom dii wɔ sare so na wowuwui no. Saa aduan yi de, obiara a obedi bi no bɛtena ase daa.” 59Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.

Yesu akyidifo no mu pii twe wɔn ho

60Yesu akyidifo no mu pii tee asɛm a ɔkae no, wɔkae se, “Saa asɛm yi de, ɛkyere yɛn adwene. Hena na ɔbɛte ase?”

61Yesu hui sɛ nʼakyidifo no renwiinwii no, obisaa wɔn se, “Asɛm a mekae yi to mo hintidua anaa? 62Ɛnne ɛba sɛ Onipa Ba no resan akɔ soro faako a ofi bae no a, dɛn na mobɛyɛ? 63Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu, 64nanso mo mu bi nnye nni.” Efi mfitiase no na Yesu huu wɔn a wonnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho.

65Ɔkɔɔ so kae se, “Eyi nti na meka kyerɛɛ mo se, obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho kwan” no.

66Esiane saa nsɛm a Yesu kae no nti, nʼakyidifo no mu pii twee wɔn ho fii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.

67Yesu huu saa no, obisaa asuafo dumien no se, “Mo nso mubegyae mʼakyidi anaa?”

68Simon Petro buaa no se, “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei. 69Na yegye wo nsɛm no di na yenim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”

70Yesu kɔɔ so kae se, “Me ara na miyii mo dumien yi nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.” 71Asɛm a Yesu kae no na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no, a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako a obeyi Yesu ama no ho.

Copyright information for TwiNAK