Luke 23

Wɔde Yesu kɔ Pilato anim

1Afei baguafo no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim. 2Wofii ase totoo nʼano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”

3Eyi maa Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no anaa?” Yesu buaa no se, “Ɛno ara na woaka no.”

4Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.”

5Nanso wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kae se, “Ɔyɛ ɔmammɔfo. Baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so de hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi fi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abedu Yerusalem ha.”

6Pilato tee asɛm yi no, obisae se, “Onipa yi yɛ Galileani anaa?”

Wɔde Yesu kɔ Herode anim

7Bere a wɔka kyerɛɛ Pilato se Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, sɛ ɛte saa de a, wɔmfa no nkɔ ɔhene Herode anim, efisɛ, Galilea hyɛ nʼase. Saa bere no ara nso na ɔhene Herode wɔ Yerusalem. 8Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na osusuw nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwonwade akyerɛ no no nti, bere a ohuu no no, nʼani gyei yiye, efisɛ, na ɔpɛe sɛ obehu no no, akyɛ.

9Wobisabisaa Yesu nsɛm bebree nanso emu biara nni hɔ a oyii ano. 10Asɔfo mpanyin no ne mmara no akyerɛkyerɛfo no kɔɔ so ara kaa nsɛm a ennim guu no so.

11Herode ne nʼasomfo no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene san de no kɔmaa Pilato. 12Da no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu.

Pilato di ma Yesu

13Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin ne nnipadɔm no, 14ka kyerɛɛ wɔn se, “Mode onipa yi brɛɛ me se, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa, tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so mu wɔ mo anim nanso, minhu afobusɛm biara a megyina so mabu no fɔ. 15Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno nti, wasan de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ migyina so bu no kumfɔ. 16Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”

17Twam Afahyɛ biara, Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn. 18Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so se, “Kum no, na gyaa Baraba ma yɛn.” 19Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyan ɔman na ɔsan dii awu nti, wɔde no too afiase.

20Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛe sɛ ogyaa no. 21Nanso wɔsan bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!”

22Obisaa wɔn ne mprɛnsa so se, “Adɛn? Dɛn bɔne na wayɛ? Minhu afobusɛm biara a megyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”

23Nanso wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato de no so se, ɔmmɔ no asɛnnua mu.

24Enti Pilato penee wɔn abisade no so maa wɔn. 25Wogyaee Baraba a esiane sɛ ɔhwanyanee ɔman san dii awu no nti, wɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ no.

Yesu asɛnnuambɔ

26Afei wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asɛnnua mu no, wohyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ofi afum reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no wɔ ne kɔn ho, dii nʼakyi. 27Nnipadɔm a, mmea a wɔresu retwa agyaadwo fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi.

28Yesu danee ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, “Yerusalem mmea, munnsu me na munsu mo ho ne mo mma. 29Na wɔka se, ‘Bere bi bɛba a, ɛbɛyɛ bere pa ama abonini.’ 30Saa bere no na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, ‘Dwiriw gu yɛn so,’ ne nkoko nso se, ‘Kata yɛn so!’ 31Na sɛ wɔde eyi yɛ me a meyɛ dumono no a, dɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ duwui?” 32Bere a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfo baanu bi kaa ne ho sɛ wonkokum wɔn.

33Woduu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asɛnnua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum.

34Yesu kae se, “Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ, wonnim nea wɔreyɛ.” Afei asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae. 35Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, “Ogyee ebinom nkwa; sɛ ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.”

36Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no, 37kae se, “Sɛ wone Yudafo hene no a, gye wo ho nkwa.”

38Wɔkyerɛw saa asɛm yi “Yudafo Hene No Ni!” bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so.

39Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, “Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”

40Nanso ɔdebɔneyɛfo a ɔka ho no, kaa nʼanim se, “Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afobu koro no ara mu. 41Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.” 42Ɔsan kae se, “Yesu, sɛ wudu wʼahenni mu a, kae me.”

43Yesu buaa no se, “Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”

Yesu wu

44Eduu owigyinae no, asase no so nyinaa duruu sum kabii kosii nnɔn abiɛsa. 45Owia duruu sum na ntama a etwa asɔredan no mu nso mu tew abien.

46Yesu teɛɛm dennen se, “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” Ɔkaa eyi no, ogyaa mu.

47Asraafo panyin a na ogyina hɔ no huu nea asi no, oyii Onyankopɔn ayɛ se, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔtreneeni.”

48Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asɛnnuambɔ no hui sɛ wawu no, wɔde awerɛhow fii hɔ kɔe. 49Saa bere no na Yesu nnamfo ne mmea bi a wodii nʼakyi fi Galilea bae no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa.

Wosie Yesu

50Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ onipa pa a ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahenni a ɛbɛba no. 51Ɛwom sɛ na ɔyɛ Yudafo baguafo no mu baako de, nanso wampene gyinae a wosisii ne nea wɔyɛe no so. 52Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no. 53Ɔma woyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu. 54Wosiee Yesu Fida a na Yudafo resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no.

55Wosiee amu no wiei no, mmea a wodi Yesu akyi fi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toe ne sɛnea wosiee no fae. 56Saa mmea yi san wɔn akyi kɔɔ fie kɔhwehwɛɛ nnuhuam ne ngo a wɔde besiesie Yesu amu no nanso esiane sɛ na Homeda no adu nti, wɔtenaa ase komm sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.

Copyright information for TwiNAK