Mark 12

Abasɛm a Yesu kae

1Yesu nam mmebu so kyerɛɛ nnipa no se: “Da bi, okuafo bi yɛɛ mmɛfuw, gyee ban faa ho, na otuu amoa bi a wokyi ngo wɔ mu, na osii dan maa nea ɔwɛn afuw no. Afei, ɔde afuw no gyaw akuafo bi na otuu kwan. 2Eduu bere a mmɛ no beree a ɛsɛ sɛ wonu no, ɔsomaa ne ho nnipa bi sɛ ɔnkogye ne kyɛfa mmrɛ no. 3Nanso, akuafo no boroo no, ma ɔde ne nsa pan san kɔe.

4“Okuafo no san somaa onipa foforo kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso, wɔboroo no pirapiraa no sen nea odi kan no. 5Onipa a ɔsomaa no bio no de, wokum no. Afoforo a akyiri yi wɔkɔe no nso, wɔhwee ebinom, na wokum ebinom nso. 6Nanso, na aka ɔbaako a ɔyɛ ne ba a ɔdɔ no. Ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn susuwii sɛ, wɔbɛfɛre no de nidi ama no.

7“Nanso, bere a akuafo no huu no sɛ ɔreba no, wɔkae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no. Momma yenkum no, na agyapade no ayɛ yɛn de!’ 8Wɔkyeree no, kum no, twee no kɔtow no kyenee baabi.

9“Mugye di sɛ, sɛ afuw wura no ba a dɛn na ɔbɛyɛ akuafo no? Ɔbɛba abekum wɔn, na ɔde afuw no ama nnipa foforo. 10Monkan eyi wɔ Kyerɛwsɛm no mu pɛn sɛ: ‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatibo. 11Awurade na ɔmaa eyi bae, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so.’ ”

12Na esiane saa bɛ a obui no nti, Yudafo mpanyin no pɛe sɛ wɔkyere no, efisɛ, wohui sɛ wɔn ho asɛm na ɔreka no a ɛkyerɛ sɛ, wɔne saa akuafo atirimɔdenfo no. Nanso na wosuro dɔm no. Eyi ma wogyaa no, na wɔfii hɔ kɔe.

Towgye ho asɛmmisa

13Wɔsomaa Farisifo ne Herodefo bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no. 14Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo a, wotaa ka nokware. Nea onipa ka no ntumi nnan wʼadwene. Afei wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yebisa wo se, eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?”

15Yesu huu wɔn adwemmɔne no kae se, “Momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuae.”

16Wɔde maa no no, obisaa wɔn se, “Hena mfonini ne nkyerɛw na ɛwɔ so?” Wobuae se, “Ɔhempɔn no de.”

17Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnne momfa ne de mma no, na momfa Onyankopɔn de mma Oyankopɔn!” Ne mmuae no maa wɔn ho dwiriw wɔn.

Owusɔre ho asɛmmisa

18Afei Sadukifo a wɔka se owusɔre nni hɔ no, baa ne nkyɛn bebisaa no se,

19“Kyerɛkyerɛfo, Mose yɛɛ mmara maa yɛn se, sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma mma owufo no. 20Anuanom baason bi tenaa ase. Nea odi kan no waree yere, na ɔne no anwo na owui. 21Na nea ɔto so abien no nso waree okunafo no, na ɔno nso ankyɛ na owui a ɔne no anwo. Na nea ɔto so abiɛsa no nso waree no a, ɔne no anwo na owui. 22Eyi kɔɔ so kosii sɛ anuanom yi nyinaa waree ɔbea no, na ɔbea no nso wui.

23“Nea yɛpɛ sɛ yehu ne sɛ, owusɔre no mu, sɛ wonya sɔre a, wɔn mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere?”

24Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moyɛ no fi onim a munnim Kyerɛwsɛm no, ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ. 25Sɛ anuanom baason yi ne ɔbea no sɔre fi awufo mu a, wɔrenware; wɔbɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ soro no. 26Afei ɛfa awufo nyan no ho no nso, monkanee Mose nhoma no mu asɛm a ɛfa Mose ne wura a na ɛrehyew no ho da? Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’ 27Na Onyankopɔn reka akyerɛ Mose se, ɛwom sɛ, saa nnipa yi awuwu mfe pii a atwam no de, nanso wɔte ase. Anyɛ saa a anka ɔrenka se ɔyɛ ateasefo Nyankopɔn, na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn. Moayɛ mfomso kɛse.”

28Mmara no akyerɛkyerɛfo no mu baako a ogyina hɔ retie no no hui sɛ, wabua wɔn sɛnea ɛfata no, ɔbisaa no se, “Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”

29Yesu buaa no se, “Nea ɛkyɛn ne nyinaa ne nea ɛka se, ‘Israel, tie! Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro; 30na dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma ne wo kra ne wʼadwene ne wʼahoɔden nyinaa mu,’ no.

31“Na nea ɛto so abien no ne: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmaransɛm bi nni hɔ a ɛkyɛn eyinom.”

32Mmara no akyerɛkyerɛfo no buaa no se, “Owura, woaka nokware sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ, na obi foforo nka ne ho, 33na minim nso sɛ, sɛ mɛdɔ no afi me koma ne mʼadwene ne mʼahoɔden nyinaa mu, na mɛdɔ me yɔnko sɛ me ho no, sen afɔre biara a wɔbɔ.”

34Yesu hui sɛ wabua asɛm no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no se, “Wo ne Onyankopɔn Ahenni ntam kwan nware.” Na saa asɛm yi akyi, obi antumi ammisa no asɛm biara bio.

Onipa Ba no ho asɛmmisa

35Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, obisaa nnipa no se, “Adɛn na mmara no akyerɛkyerɛfo no ka se, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ ɔhene Dawid ba? 36Efisɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kae se, ‘Onyankopɔn ka kyerɛɛ me wura se: Tena me nifa so kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wo nan ntiaso.’ 37Sɛ Dawid frɛ no Awurade a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?”

Ɔkwan a ɔfaa so kasae no maa nnipa no de anigye tiee no.

Kyerɛwfo no kɔkɔbɔ

38Bere bi a nnipakuw bi de anigye retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho yiye wɔ mmara no akyerɛkyerɛfo ho! Wɔhyɛ ntade akɛse sɛ asikafo na sɛ wɔnam gua so a, wɔpɛ sɛ obiara a ohyia wɔn no de obu kyia wɔn. 39Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a, wɔtenatena mpanyin agua so, na sɛ wɔkɔ adidi ase a, wɔtena mpanyin tenabea. 40Nanso ɛnyɛ wɔn aniwu sɛ wotu akunafo fi wɔn afi mu, na wɔyɛ eyi a, wɔbɔ mpae atenten wɔ guam de kyerɛ sɛ wɔyɛ atreneefo. Eyi nti wobenya asotwe a emu yɛ duru.”

Ɔbea kunafo hiani bi

41Da bi a Yesu kɔɔ asɔredan mu no, ɔkɔtenaa tow adaka a esi hɔ no anim hwɛɛ sɛnea nkurɔfo no de sika regu tow adaka no mu. Asikafo no de sika a ɛdɔɔso guu mu. 42Ɔbea kunafo hiani bi nso bae na ɔde mpɛsewa abien beguu mu.

43Ɔfrɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, “Saa ɔbea kunafo hiani yi tow a oyii no dɔɔso sen asikafo a wɔde bi beguu tow adaka no mu no nyinaa tow a woyiyii no. 44Na wɔn nyinaa fi nea wɔanya ama abu wɔn so no mu na woyiyii bi de bae, na ɔbea yi de, ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa na abegu mu no.”

Copyright information for TwiNAK