Mark 16

Owusɔre

1Ade kyee a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo ne na Maria kɔtɔɔ nnuhuam sɛ wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no.

2Da a edi nnawɔtwe no kan anɔpahema no, ansa na owia bepue no, wɔde nnuhuam no baa ɛda no so. 3Wɔnam kwan so rekɔ no, na wɔredwen nea ɛbɛyɛ a wobepirew ɔbo no afi ɛda no ano no ho.

4Nanso wɔreyɛ adu hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hui sɛ, obi apirew ɔbo kokuroko no afi ɛda no ano. 5Wɔkɔɔ ɛda no mu kohuu aberante bi sɛ ɔhyɛ atade fitaa te nifa so hɔ. Wohuu no no, wɔbɔɔ birim. 6Nanso, aberante no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro. Ɛnyɛ Nasaretni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no na mohwehwɛ no no? Onni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toe hɔ! 7Afei monkɔ na monkɔka eyi nkyerɛ nʼasuafo no ne Petro se, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’ ”

8Mmea no de hu ne ahopopo guan fii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ Maria Magdalene

9Kwasida anɔpa na Yesu sɔre fii awufo mu. Onipa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no kan ne Maria Magdalene, ɔbea a otuu ahohommɔne ason fii ne mu no. 10Maria Magdalene kɔɔ asuafo no nkyɛn kohuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahow, na wɔresu. 11Ɔka kyerɛɛ wɔn se, wahu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ asuafo baanu

12Akyiri yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam fi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wohuu no no, mfitiase no, wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno, efisɛ, na wasesa. 13Akyiri yi a wohuu onipa ko a ɔyɛ no, wotuu mmirika san baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ nkae no, nanso obiara annye wɔn anni.

14Akyiri no a asuafo dubaako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidi a wonni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkae se wasɔre no anni no ho.

Asomafo no asɛmpaka

15Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa. 16Na obiara a ogye di ma wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa. Na obiara a onnye nni no, wobebu no fɔ.

17“Saa nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wogye me di no akyi. Wɔde me din betu ahonhommɔne, na wɔakasa kasa foforo. 18Wobeso awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduru bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”

Yesu sorokɔ

19Awurade Yesu ne wɔn kasa wiei akyi no, wɔfaa no kɔɔ soro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.

20Eyi akyi no, asuafo no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkae no den.

Copyright information for TwiNAK