Mark 8

Nnipa mpɛmnan aduanma

1Da koro bi a nnipakuw bi aba Yesu nkyɛn no, aduan a wodi no sae. 2Yesu frɛɛ nʼasuafo ka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa wɔ ha a, wonni aduan biara a wobedi bio. 3Sɛ migya wɔn kwan sɛ wɔnkɔ a wonnidii a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ piti wɔ kwan so, efisɛ, wɔn mu bi fi akyirikyiri na wɔbae.”

4Nʼasuafo no bisaa no se, “Ɛhefa na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi wɔ sare yi so ha?”

5Obisaa wɔn se, “Abodoo ahe na mowɔ?” Wobuaa no se, “Yɛwɔ ason.” 6Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se wɔntenatena ase, wɔ sare no so. Afei, ɔfaa abodoo ason no, na ohyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyɛ maa nnipa no. 7Na wɔwɔ mpataa kakra, wɔ hɔ, enti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafo no se wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.

8Nnipakuw no didi mee no, ogyaa wɔn kwan. 9Nnipa a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee ase nnikae no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma ason.

10Eyi akyi no, ɔne nʼasuafo no kɔtenaa ɔkorow mu baa Dalmanuta fam.

Soro nsɛnkyerɛnne

11Farisifo no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bebisabisaa no nsɛm de sɔɔ no hwɛe. Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnne bi nna adi wɔ wim nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yebegye wo adi.”

12Yesu tee nea wɔkae no, oguu ahome ka kyerɛɛ wɔn se, “Nsɛnkyerɛnne biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo. Mpɛn ahe na mopɛ sɛ meyɛ nsɛnkyerɛnne kyerɛ mo?”

13Ɔsan kɔtenaa ɔkorow no mu, gyaw wɔn, twa kɔɔ asuogya nohɔ.

Herode ne Farisifo mmɔkaw

14Asuafo no werɛ fii sɛ wɔfa aduan bi kita ansa na wɔakɔ. Aduan a na wokurae wɔ ɔkorow no mu no yɛ abodoo baako pɛ.

15Wɔretwa asu no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ ɔhene Herode ne Farisifo mmɔkaw ho.”

16Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm a ɔreka yi ase ne dɛn?” Nea wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduan a wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa akita no ho asɛm.

17Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monte eyi ase anaa? Mo koma da so pirim? 18Mowɔ ani nso munhu ade? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Adɛn na mummue mo asom mfa ntie asɛm? Monkae biribiara?

19“Mo werɛ afi abodoo anum a mibubuu mu maa nnipa mpemnum no? Nnikae nkɛntɛmma ahe na motasee?” Wɔkae se, “Dumien.”

20“Na mesan de abodoo ason maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkae?” Wɔkae se, “Nkɛntɛmma ason.”

21Obisaa wɔn bio se, “Monte ase ara?”

Onifuraefo bi ayaresa wɔ Betsaida

22Bere a woduu Betsaida no, nnipa bi de onifuraefo bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yare. 23Yesu soo onifuraefo yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtew ntasu guu onifuraefo no ani so, de ne nsa kataa nʼani no so. Oyii ne nsa no, obisaa no se, “Wuhu ade anaa?”

24Onifuraefo no twitwaa nʼani buae se, “Yiw, mihu nnipa! Nanso minhu wɔn yiye; mihu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”

25Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifuraefo no buee nʼani, na bere a ɔrehwɛ ade haa no, nʼani no yɛɛ yie a, afei de na ohu biribiara kann.

26Yesu ma ɔkɔɔ fie, ka kyerɛɛ no se, ɔnnsan nnkɔ akuraa no ase bio.

Petro ka se Yesu ne Kristo no

27Yesu ne nʼasuafo no fii Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?”

28Asuafo no buae se, “Ebinom se wone Yohane Osuboni no, na afoforo nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifo no mu bi a wasan aba.”

29Na obisaa wɔn se, “Na mo nso muse meyɛ hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo no.” 30Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ se, wɔnnka nnkyerɛ obiara.

Yesu hyɛ ne wu ne ne wusɔre ho nkɔm

31Afei, ofitii ase kaa wɔn amane a obehu ne mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo no po a wɔbɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so wasɔre no ho asɛm. 32Ɔkaa asɛm no pefee a, wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn bisaa no se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte sɛɛ?”

33Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafo no, kaa Petro anim se, “Fi me so, ɔbonsam! Wʼadwene yɛ nea efi onipa na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.”

Ahopakyi

34Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafo no ne nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se wommetie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasennua, na odi mʼakyi. 35Nea ɔma ne kra som no bo no, ebefi ne nsa. Na wɔn a me ne Asɛmpa no nti, wɔbɛhwere wɔn kra no, wɔn na wobenya asetena pa.

36“Na sɛ onipa nya wiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? 37Dɛn na ɛsom bo sen ne kra? 38Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ, me Onipa Ba, no aniwu bere a me ne mʼabɔfo kronkron no bɛsan aba wɔ mʼagya anuonyam mu no.”

Copyright information for TwiNAK