Matthew 11

Yohane Osuboni ahoyeraw

1Yesu wiee nʼasuafo dumien no kasakyerɛ no, ofii hɔ kɔɔ nkurow a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.

2Yohane Osuboni a na saa bere no ɔda afiase no tee anwonwade a Yesu reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafo bebisaa no se, 3“Wone nea ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforo anim?”

4Yesu buaa wɔn se, “Monsan nkɔ nkɔka anwonwade a moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane se, 5‘Mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, na awufo nso nyan. Afei monka nkyerɛ no se, meka asɛmpa no kyerɛ ahiafo.’ 6Monsan nka nkyerɛ no bio se, ‘Nhyira ne wɔn a wogye me di.’ ”

7Yohane asuafo no kɔe no, Yesu fitii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na mokɔe sɛ morekɔhwɛ? Sare a mframa rebɔ? 8Anaa na mususuw sɛ mubehu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfi? 9Anaa Onyankopɔn odiyifo? Ɛnne, mereka makyerɛ mo se, ɔsen odiyifo. 10Na Yohane ne onipa a wɔkaa ne ho asɛm se, ‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim, na ɔno na obesiesie wʼanim kwan.’

11“Nokware ni, nnipa nyinaa mu, obiara nni hɔ a wagye din sɛ Yohane Osuboni. Nanso, nea ɔyɛ aketewa koraa wɔ ɔsoro ahenni mu no yɛ ɔkɛse sen no! 12Na efi bere a Yohane Osuboni fii ase kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfo asu de besi nnɛ no, nnipa bebree a wɔaso asɛm no mu dennen no repere akɔ ɔsoro ahenni no mu. 13Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifo ne Mose mmara no aka ɔsoro ahenni no ho asɛm dedaw. 14Sɛ mopɛ sɛ mote nea mereka no ase de a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifo no hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛba no. 15Nea ɔwɔ aso no, ontie!

16“Dɛn ho na metumi de nnɛɛmmafo yi atoto? Wɔte sɛ mmofra a wɔte baabi redi agoru. Ɛfa ka kyerɛ ɛfa se, 17‘Yɛtoo anigye nnwom maa mo, nso moansaw. Yɛtoo awerɛhow nnwom nso maa mo, nanso moansu.’ 18Yohane bae a onnidi na ɔnnom nsa no, wose, ɔwɔ honhommɔne. 19Onipa Ba no bae a odidi na ɔnom no nso, wose, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔsanomfo a ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo fa nnamfo.’ Nanso nea efi Onyankopɔn nyansa mu ba no, ma nokware da adi.”

Korasin, Betsaida ne Kapernaum, munnue!

20Afei ofitii ase kaa nkurow a ɔyɛɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ nanso wɔansakra wɔn adwene no anim se,

21“Korasin, due! Betsaida, due! Anwonwade a meyɛe wɔ mo mu no, sɛ meyɛɛ wɔ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfo no de awerɛhow ne ahonu asakra wɔn adwene dedaw. 22Atemmu da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsen nea ɛbɛto Tiro ne Sidon! 23Na wo, Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ amanehunu kurom. Anwonwade a meyɛe wɔ wo hɔ no, sɛ wɔyɛe wɔ Sodom a, anka ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. 24Mereka nokware akyerɛ mo se, atemmu da no, Tiro ne Sidon benya gyinabea pa asen mo!”

Agya no ayeyi

25Asɛnka no akyi Yesu bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ woanna nokware no adi ankyerɛ wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom wodaa no adi kyerɛɛ mmofra nkumaa. 26Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.

27“Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Agya no nim Ɔba no nko ara. Ɔba no nso nim Agya no. Wɔn a Ɔba no aka Agya no ho asɛm akyerɛ wɔn no nso nim Agya no. 28Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. 29Muntie me nkyerɛkyerɛ na munsua nea mekyerɛ mo no nso, efisɛ, midwo, na mebrɛ me ho ase. Na mubenya home ama mo kra. 30Efisɛ, nkyerɛkyerɛ a mɛkyerɛkyerɛ mo no sua yɛ mmerɛw, na dwuma a mɛma mo adi no nso nyɛ den.”

Copyright information for TwiNAK