Matthew 17

Yesu anuonyam da adi

1Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi a ɛso yɛ dinn atifi. 2Wɔwɔ hɔ no, wohui sɛ ne nipadua asesa ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatade ayɛ fitafita sɛ nwera.

3Prɛko pɛ, Mose ne Elia befii hɔ a wɔne Yesu rekasa. 4Petro kae se, “Awurade, ɛyɛ nwonwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wobɛpene so a, anka mɛbɔ asese abiɛsa, na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”

5Petro gu so rekasa no, omununkum hrann bi bɛkɛtaa wɔn so; ɛnna ɛnne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Muntie no.”

6Asuafo no tee ɛnne no, wosuroi ma wɔde wɔn anim butubutuw fam. 7Yesu baa wɔn nkyɛn besusoo wɔn mu kae se, “Monsɔre! Munnsuro!”

8Wɔmaa wɔn ani so, nso wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara.

9Ɛbae sɛ, wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea wɔahu no nnkyerɛ obiara kosi sɛ obenyan afi awufo mu.

Elia ba a ɛto so abien ho asɛm

10Yesu asuafo no bisaa no se, “Adɛn nti na daa Yudafo mpanyin ka ti mu se, ɛsɛ sɛ Elia san ba ansa na Agyenkwa no aba?”

11Yesu buaa wɔn se, “Nea wɔreka no wom. Ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma yiye. 12Na nokware ni, Elia aba dedaw na wɔanhu no, na dodow no ara ne no anni no yiye. Na me, Agyenkwa no nso, mehu amane wɔ wɔn nsam saa ara.”

13Afei na asuafo no hui sɛ, Yohane Osuboni ho asɛm na ɔreka no.

Otwafo bi ayaresa

14Bere a osian duu bepɔw no ase no, ohui sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bebuu Yesu nkotodwe kae se, 15“Owura, hu me ba bi a otwa mmɔbɔ, efisɛ, ɔwɔ ɔhaw kɛse mu. Sɛ otwa no ba a, etumi twa no hwe ogya anaa nsu mu. 16Enti, mede no brɛɛ wʼasuafo no sɛ wɔnsa no yare, nanso wɔantumi.”

17Yesu kae se, “Mo asoɔdenfo a munni gyidi! Me ne mo ntena nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me wɔ ha.” 18Yesu teɛteɛɛ honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma etu fii ne mu, maa amonom hɔ ara, ne ho tɔɔ no.

Gyidi mu tumi

19Ɛkaa Yesu ne nʼasuafo no, wobisaa no se, “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?”

20Yesu buaa wɔn se, “Efisɛ, mo gyidi sua.” Ɔtoaa so se, “Sɛ mowɔ gyidi sɛ onyaa aba a esua koraa no a, anka mubetumi aka akyerɛ bepɔw yi se, ‘Tutu kɔ nohɔ!’ na ebetutu akɔ akyirikyiri. 21Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ de, ɛrentumi ntu da, gye sɛ, monam mpaebɔ ne mmuadadi so.”

Yesu ka ne wu ho asɛm

22Da bi a Yesu ne nʼasuafo no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wɔrebeyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a 23wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no, na ne nnansa so no, wanyan aba nkwa mu bio.” Asuafo no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ howee na wɔn koma nso tui.

Yesu tua asɔredan mu tow

24Bere a wobeduu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu towgyefo baa Petro nkyɛn bebisaa no se, “Enti wo wura tua tow?”

25Petro buaa no se, “Yiw, otua” Petro fi hɔ no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa towtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na obisaa no se, “Na wo Petro, wo nso wudwen ho dɛn? Ahemfo twa tow ma wɔn ara wɔn manfo tua, anaasɛ, wotwa ma ahɔho a wodi wɔn so no?”

26Petro buae se, “Wotwa tow no ma ahɔho no.” Yesu nso buae se, “Petro, mo! Ɛnne na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua tow biara. 27Na mmom, esiane sɛ, mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuw no nti, kɔ asu no mu kɔto daawa. Apataa a wubeyi no adi kan no, bue nʼanom. Wubehu sika a ɛbɛso me ne wo tow no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi, na fa kotua ma wɔn.”

Copyright information for TwiNAK