Matthew 24

Asɔredansɛe ho nkɔmhyɛ

1Yesu refi faako a asɔredan no si hɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn pɛe sɛ wɔkyerɛkyerɛ no adan ahorow a ɛwɔ asɔredan no mu.

2Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobedwiriw saa ɔdan yi agu pasaa!”

Ɔhaw ne ɔtaa

3Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Bere bɛn na nea woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu wo ba a, wobɛsan aba bio no ne wiase awiei a ɛbɛba no?”

4Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ na obi annaadaa mo. 5Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 6Sɛ mote sɛ wɔafi akodi ase a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsan aba no ho nsɛnkyerɛnne. Ɛsɛ sɛ eyinom ba, nanso awiei no de, ennya mmae. 7Aman bɛsɔre aman so, na ahenni asɔre ahenni so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. 8Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiase.

9“Sɛ moyɛ me de nti, wɔbɛyɛ mo ayayade, na wɔakum mo wɔ wiase afanan nyinaa, 10na mo mu pii bɛsan akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatan mo ho. 11Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii. 12Bɔne bɛdɔɔso wɔ wiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase. 13Nanso, wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobenya nkwa.

14“Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahenni no ho no wɔ wiase mmaa nyinaa na wɔate. Ɛno akyi ansa na awiei no bɛba.

Ahohia a ɛyɛ hu

15“Enti sɛ muhu ‘Ade a Ɛyɛ Hu’ a, odiyifo Daniel kaa ho asɛm sɛ egyina Kronkronbea hɔ no a, ‘Nea ɔkan no nte eyi ase!’ 16Wɔn a wɔte Yudea no, nguan nkɔ Yuda mmepɔw so. 17Wɔn a wɔtete wɔn afi mu no nso, nguan a wɔmfa biribiara mfi wɔn adan mu. 18Wɔn a wɔwɔ mfum no nso, nnsan wɔn akyi mmmɛfa wɔn ntama.

19“Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu no nnue. 20Na mommɔ mpae, na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔwbere anaa Homeda. 21Efisɛ, ɔtaa a ɛbɛba no, ebi nsii wɔ wiase abakɔsɛm mu da, na ebi nso rensi da.

22“Nokwarem, sɛ wɔantwa saa nna no so a, nnipa nyinaa ase bɛtɔre.

23“Sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaa sɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, munnnye nnni. 24Atoro Kristofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔayɛ anwonwade ahorow, na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa wɔn mpo a Onyankopɔn ayi wɔn no. 25Mabɔ mo kɔkɔ dedaw.

Onipa Ba no

26“Enti, sɛ obi ka kyerɛ mo se, Agyenkwa no asan aba, na ɔwɔ sare so a, monnhaw mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no. Anaasɛ nso ɔde ne ho asie baabi a, munnnye nnni! 27Na sɛnea anyinam twa fi apuei kɔ atɔe no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ara ne no. 28Na nea efunu wɔ no, ɛhɔ na apete mpa.

29“Ɔtaa no akyi pɛ, awia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn, na nsoromma bɛtetew ahwe, na wɔbɛwosow tumi a ɛwɔ soro no.

30“Afei, Onipa Ba no ba ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi, na ɔsoro ne asase sofo nyinaa betwa agyaadwo. Na wiase amanaman behu me sɛ, mede tumi ne anuonyam nam ɔsoro omununkum mu reba. 31Na mɛsoma mʼabɔfo a wɔrebɔ mmɛnson aba, na wɔbɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano fi soro ano kɔka asase ano.

32“Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi nnubaa foforo, san yi ahaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow atue. 33Saa ara nso na sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afiti ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn, adu apon ano. 34Afei, saa awontoatoaso yi betwam.

35“Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛbɛtena hɔ daa. 36Nanso, da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na onim.

37“Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, bɛyɛ sɛnea Noa bere so ɛyɛe no ara pɛ. 38Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no nnipa didii, na wɔnomee, warewaree, de kosii da a Noa kɔɔ hyɛn no mu, 39na nnipa annye nea ɛbɛba anni, kosi sɛ nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.

40“Saa bere no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afum no mu baako akɔ, na wɔagyaw ɔbaako. 41Saa ara nso na mmea baanu a wɔwɔ fie renoa aduan no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako ne no. 42Enti, monwɛn, efisɛ, munnim da ko a, Awurade bɛba.

43“Sɛnea onipa tumi wɛn de bɔ ne ho ban fi akorɔmfo ho no, 44saa ara na mubetumi asiesie mo ho awɛn de atwɛn me ba a mɛba a obiara nnim bere ko no.

Akoa pa anaa akoa bɔne

45“Woyɛ Awurade akoa onyansafo nokwafo anaa? Mama wo adwuma sɛ hwɛ me fi so, na da biara ma mʼasomfo aduan nni anaa? 46Nhyira nka wo sɛ, mɛsan aba abɛto wo sɛ, wode nokware reyɛ wʼadwuma. 47Mede biribiara a mewɔ no bɛhyɛ saa nokwafo no nsa, na wahwɛ so!

48“Na sɛ woyɛ akoa bɔne, na woka kyerɛ wo ho se, ‘Me wura nnya mmae,’ 49na wufiti ase haw wo mfɛfo nkoa no, na wudidi, bow nsa a, 50wo wura no bɛba da a wʼani nna no kwan, 51na wabetwa wo mmaa a ano yɛ den, na ɔde wo akɔ nea wobu nyaatwomfo atɛn; ɛhɔ na osu ne agyaadwo wɔ.

Copyright information for TwiNAK