Psalms 101

Ɔhene bɔhyɛ

1Me dwom yi fa nokware ne trenee ho, na meto ma wo,
Awurade.
2Me suban bɛyɛ pɛ.
Da bɛn na wobɛba me nkyɛn?
Mɛtena ase kronn wɔ me fi,
3na meremma bɔne kwan.
Mekyi wɔn a wɔtwe wɔn ho fi Onyankopɔn ho no.
Me ne wɔn nni biribiara yɛ.
4Merenni atoro na me ne bɔne nnya biribiara nyɛ.
5Mɛtwe me ho afi obi a odi ne yɔnko ho nseku no ho.
Na me ne onipa a ɔyɛ ahantan ne atutupɛ remmɔ.
6Megye wɔn a wodi Onyankopɔn nokware atom na me ne wɔn atena mʼahemfi.
Wɔn a wodi nokware pa ara no na mɛma wɔasom me.
7Ɔtorofo biara rentena mʼahemfi.
Na nyaatwomni biara nso remma mʼanim.
8Adekyee biara, mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so, na mapam nnebɔneyɛfo afi Awurade kurow mu.
Copyright information for TwiNAK