Psalms 103

Onyankopɔn dɔ

1Me kra kamfo Awurade!
Na me mu ade nyinaa nkamfo ne din kronkron no.
2Me kra kamfo Awurade, na mma me werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa.
3Ɔno na ɔde me mfomso nyinaa firi me, na ɔsa me nyarewa nyinaa.
4Ogye me nkwa fi damoa mu na ɔde adɔe ne mmɔborɔhunu bɔ me abotiri.
5Ɔma me mʼasetena mu nnepa na matena ase frɔmm ne ahoɔden so sɛ ɔkɔre.
6 Awurade bu wɔn a wɔhyɛ wɔn so bem na ɔma wɔn wɔn kyɛfa.
7Ɔkyerɛɛ Mose ne nhyehyɛe, na ɔmaa Israelfo huu nneɛma akɛse a wayɛ.
8Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne Awurade, ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.
9Ɔrenkɔ so nka anim na ne bo mfuw daa nyinaa.
10Ontua yɛn ka sɛnea ɛfata yɛn, anaasɛ ontua yɛn bɔne ne yɛn mfomso so ka.
11Na sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ nʼadɔe so wɔn a wosuro no so ne no.
12Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.
13Sɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, sɛ Awurade yam yɛ no wɔ wɔn a wodi no ni ho ne no.
14Onim nea wɔde yɛɛ yɛn; ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.
15Ɔdasani de, ne nna te sɛ sare, ɔyɛ frɔmm sɛ wuram nhwiren.
16Sɛ mframa bɔ fa ne so a, na onni hɔ, na ne sibere nnim no bio.
17Na wɔn a wodi Awurade ni no, ne dɔ wɔ wɔn so daa daa na ne papayɛ wɔ hɔ ma nkyirimma
18ne wɔn a wodi nʼapam no ho nokware na wodi ne mmara so.
19 Awurade asi nʼahengua wɔ soro; ɔyɛ ade nyinaa so hene.
20Mo abɔfo atumfoɔ a mutie ne mmara na mutie nea ɔka no, monkamfo Awurade.
21Mo ɔsoro atumfoɔ nyinaa ne mo a moyɛ nʼasomfo na moyɛ nʼapɛde no, monkamfo Awurade.
22Abɔde a mowɔ baabiara a odi so no nyinaa, monkamfo Awurade.
Me kra, kamfo Awurade!
Copyright information for TwiNAK