Psalms 104

Ɔbɔadeɛ ayeyi

1Me kra, kamfo Awurade!
O Awurade, me Nyankopɔn, woyɛ ɔkɛse!
Wohyɛ tumi ne anuonyam mu.
2Wode hann akata wo ho.
Wotrɛw ɔsoro mu te sɛ ntama,
3na wusii wo fi wɔ nsu ani.
Wode omununkum yɛɛ wo teaseɛnam na wotenaa mu wɔ mframa ntaban so.
4Wode mframa yɛɛ wʼasomafo, na anyinam gya a ɛpa no yɛɛ wʼasomfo.
5Wode asase asi ne fapem so dennen na ɛrentwe ne ho da.
6Wode ɛpo too so sɛ atade na nsu no kataa mmepɔw so.
7Wokaa nsu no anim no, wɔyerae; wɔtee wo nne nteɛm so no, woguanee.
8Wɔteɛ faa mmepɔw so koguu abon mu kɔɔ baabi a na wɔasiesie ama wɔn.
9Wotoo ɔhye a na wontumi ntra na wɔammɛka asase so nyinaa bio.
10Womaa nsuwa teɛ faa abon mu ɛnna nsubɔnten nso faa mmepɔw ntam.
11Ɛyɛɛ beae a wuram mmoa kɔnom nsu; ɛhɔ na akwaku kokum wɔn sukɔm.
12Nnua a ɛbɛn hɔ no so na nnomaa yɛɛ wɔn birebuw too nnwom.
13Wotɔɔ nsu fi soro guu mmepɔw so na wo nhyira buu so wɔ asase so.
14Womaa sare nyinii maa anantwi, na afifide nso, wobɔ maa onipa sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adua nnɔbae,
15na wayɛ nsa na ne ho atɔ no.
Womaa no ngo nso, na wayɛ wɛwɛ ɛne abodoo a ɛbɛma no ahoɔden.
16Sida a ɛwɔ Lebanon no nso nya nsu bebree.
Awurade no ankasa nnua a oduae.
17Ɛso na nnomaa yɛ wɔn birebuw na asukɔnkɔn nso ayɛ wɔn birebuw wɔ ɔpopaw nnua so.
18Wuram mmirekyi tena mmepɔw atenten so, na amoakua atena abotan mu.
19Wobɔɔ ɔsram sɛ ɔnhyɛ abosom agyirae; owia nim bere a ɔkɔtɔ.
20Wo na wobɔɔ anadwo na ne sum mu na nkekaboa pue.
21Gyata mma pɔ so bere a wɔreyɛ ha apɛ aduan a Onyankopɔn asiesie ama wɔn.
22Na sɛ owia pue a, wɔsan kɔhyehyɛ wɔn amoa mu.
23Afei nnipa kɔ wɔn nnwuma so kɔyɛ aduwma ara kɔsi anwummere.
24 Awurade, woayɛ nneɛma bebree!
Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; wʼabɔde ahyɛ asase so ma.
25Ɛpo da hɔ tɛtrɛɛ a abɔde akɛse ne nketewa ahyɛ no ma.
26Ahyɛn fa so, na bonsu nso goru mu.
27Wɔn nyinaa dan wo sɛ woma wɔn aduan bebree a wɔhwehwɛ.
28Wode ma wɔn na wodi.
Woma wɔn aduan na wɔn ani sɔ.
29Wodan wʼakyi kyerɛ wɔn a, wɔbɔ hu.
Sɛ wugye wɔn home a, wowuwu san kɔ mfutuma a wofi mu bae no mu.
30Sɛ woma wɔn ahome a, wɔba abɔde mu; woma asase nkwa foforo.
31 Awurade anuonyam ntena hɔ daa daa.
Awurade ani nnye nea wayɛ no ho!
32Ɔhwɛ asase na ɛpopo; ɔka mmepɔw na wusiw fi mu ba.
33Mete ase yi, mɛto dwom mama Awurade; mewɔ hɔ yi mɛto ayeyi dwom mama me Nynakopɔn.
34Nʼani nnye me dwom no ho efisɛ, mʼanigye fi ne nkyɛn.
35Ma wɔnsɛe nnebɔneyɛfo asase so; ma amumɔyɛfo ase nhyew.
Me kra, kamfo Awurade!
Munyi Awurade ayɛ!
Copyright information for TwiNAK