Psalms 108

Mpae a wɔbɔ tia atamfo

1Mewɔ gyidi,
O Onyankopɔn!
Mɛto dwom makamfo wo!
Me kra, keka wo ho!
2Me sanku ne me bɛnta, monkeka mo ho!
Mɛma owia akeka ne ho.
3O Awurade, mɛda wo ase aka aman ho!
Meyi wo ayɛ aka nnipa ho.
4Wo dɔ a wowɔ daa no adu ɔsoro atifi, na wo nokware kɔka wim.
5Kyerɛ wo kɛseyɛ wɔ soro,
O Onyankopɔn, ne wʼanuonyam wɔ asase so nyinaa.
6Fa wo tumi gye yɛn nkwa; bua me mpaebɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye nkurɔfo a wodɔ wɔn no.
7Onyankopɔn aka wɔ ne kronkron mu kronkron hɔ se, “Ahurusi mu, mɛkyɛ Sekem mu na makyekyɛ Sukot Bon no mu ama me nkurɔfo.
8Gilead yɛ me de;
Manase nso saa ara;
Efraim yɛ me dade kyɛw, ɛnna Yuda nso yɛ mʼadehye akyeampoma.
9Nanso mede Moab bɛyɛ me guasɛn na matow me mpaboa agu Edom so de akyerɛ sɛ ɔyɛ me de.
Mɛteɛm ahurusi so magu Filistifo so.”
10O Onyankopɔn, hena na ɔde me bɛkɔ kurow a wɔrewɛn no mu?
Hena na ɔde me bɛkɔ Edom?
11Nokware sɛ woapo yɛn anaa?
Woremfa yɛn nsraadɔm ntu sa anaa?
12Boa yɛn na yentumi nnyina yɛn atamfo anim; ɔdasani mmoa nni mu.
13Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim; obedi yɛn atamfo so.
Copyright information for TwiNAK