Psalms 111

Awurade ayeyi dwom

1Kamfo Awurade!
Mifi me koma nyinaa mu bɛda Awurade ase wɔ ne nkurɔfo a wɔabɔ gua no anim.
2Nneɛma a Awurade yɛ no yɛ nwonwa!
Wɔn a wɔn ani gye ho no pɛ sɛ wɔte ase.
3Tumi ne anuonyam wɔ nea ɔyɛ biara mu na ne trenee wɔ hɔ daa.
4 Awurade remma yɛn werɛ mfi nʼanwonwade.
Ne yam ye na ohu mmɔbɔ.
5Wɔn a wodi no ni no, ɔma wɔn aduan.
Ne werɛ mfi nʼapam.
6Wakyerɛ ne tumi akyerɛ ne nkurɔfo sɛ ɔde ananafo asase ama wɔn.
7Biribiara a ɔyɛ no, ɔyɛ no nokwarem.
Ne mmara nni huammɔ.
8Bere biara ɛwɔ hɔ.
Wɔhyɛɛ no nokware ne trenee mu.
9Ɔmaa ne nkurɔfo dee wɔn ho na ɔne wɔn yɛɛ apam a ɛwɔ hɔ daa.
Ɔyɛ kronkron ne Otumfoɔ!
10Worepɛ nyansa a, di Awurade ni.
Obu wɔn a wodi ne mmara so nyinaa atɛntrenee.
Ɔsɛ ayeyi daa.
Copyright information for TwiNAK