Psalms 118

Nkonimdi ho mpaebɔ

1Da Awurade ase efisɛ, oye na nʼadɔe nso wɔ hɔ daa.
2Nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa nka se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
3Onyankopɔn asɔfo nyinaa nka se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa.”
4Wɔn a wɔsom no nyinaa nka se, “Nʼdɔe wɔ hɔ daa.”
5Mʼamanehunu mu, mefrɛɛ Awurade; ogyee me so ma medee me ho.
6 Awurade ne me wɔ hɔ enti minsuro biribiara.
Dɛn na obi betumi ayɛ me?
7 Awurade na ɔboa me na mɛhwɛ sɛ wobedi mʼatamfo so.
8 Awurade mu ahotoso ye sen nnipa mu ahotoso.
9 Awurade mu ahotoso ye sen mpanyimfo mu ahotoso.
10Atamfo pii twaa me ho hyiae, nanso Awurade tumi nti, mesɛee wɔn nyinaa.
11Baabiara na wɔatwa me ho ahyia nanso Awurade tumi nti, mesɛee wɔn nyinaa.
12Wɔbɛkyere guu me so sɛ nnowa nanso wɔhyewee ntɛm so sɛnea ogya atɔ nsɔe mu;
Awurade tumi nti, mesɛee wɔn.
13Wɔbaa me so ahoɔden so a na wɔredi me so nanso Awurade boaa me.
14 Awurade maa me tumi ne ahoɔden; wagye me nkwa.
15Muntie sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ ne ntamadan mu reteɛm anigye ne nkonimdi so se, “Awurade ahoɔden tumi no na ayɛ.
16Ne tumi abrɛ yɛn nkonim, nʼahoɔden tumi wɔ ɔko mu no!”
17Merenwu; mmom mɛtena ase na mapae mu aka nea Awurade ayɛ.
18Watwe mʼaso dennen de, nanso wamma manwu.
19Bue Fie hɔ pon ma me, na mɛkɔ mu akɔda Awurade ase.
20 Awurade pon ni; atreneefo nko ara na wotumi ba mu.
21Mekamfo wo,
Awurade, efisɛ, wotee me nka, efisɛ, woama me nkonimdi.
22Ɔbo a adansifo poe sɛ ɛho nni mfaso no, na ɛho baa mfaso koraa.
23 Awurade na ɔyɛɛ eyi.
Ɛyɛ nwonwa aniso!
24Ɛnnɛ yɛ Awurade nkonim da.
Momma yɛn ani nnye.
Momma yenni da no.
25Gye yɛn nkwa,
Awurade, gye yɛn nkwa!
Ma yenni nkonim, O Awurade!
26 Awurade nhyira obiara a ɔba Awurade din mu.
Yehyira mo fi Awurade fi.
27 Awurade yɛ Onyankopɔn.
Wayɛ yɛn adɔe.
Nnubaa kitakita mo yi, mumfiti afahyɛ no ase na muntwa afɔremuka no ho nhyia.
28Woyɛ me Nyankopɔn na meda wo ase.
Mɛpae mu maka wo kɛseyɛ.
29Da Awurade ase efisɛ, oye na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Copyright information for TwiNAK