Psalms 129

Mpae a wɔbɔ tia Israel atamfo

1Israel, ka efi wo mmofraase, taa a wʼatamfo ataa wo, nanso wɔantumi anni wo so kyerɛ yɛn.
2Efi me mmofraase, mʼatamfo ataa me atirimɔden so, nanso wɔantumi anni me so.
3“Wotwaa kam kɛse te sɛ asase a wɔafuntum wɔ mʼakyi.
4Nanso Awurade, ɔtreneeni no, agye me afi nkoasom mu.”
5Obiara a ɔtan Sion no, wobedi ne so na wɔapam no asan nʼakyi.
6Ma wɔn nyinaa nyɛ sɛ sare a enyin wɔ adan atifi ma ewu no;
7Obiara mmoaboa ano, na obiara nsoa no afiafi nkɔ.
8Obiara a obetwam wɔ hɔ no renka se, “Awurade nhyira mo!
Yehyira mo wɔ Awurade din mu.”
Copyright information for TwiNAK