Psalms 133

Onuadɔ ayeyi dwom

1Hwɛ fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako!
2Ɛte sɛ ngohuam a esian fi Aaron tiri so gu ne bɔgyesɛ mu na ebi gu nʼatade mu.
3Ɛte sɛ anɔpa bosu a egu fi Hermon Bepɔw so kɔ Sion Bepɔw so.
Ɛhɔ na Awurade ahyɛ nhyira ho bɔ; nkwa a ɛto ntwa da no.
Copyright information for TwiNAK