Psalms 135

Ayeyi dwom

1Kamfo Awurade!
Monkamfo ne din,
Awurade asomfo
2a, mugyina Awurade fi a ɛyɛ Onyankopɔn fi hɔ no.
3Monkamfo Awurade efisɛ, oye.
Monto ayeyi nnwom wɔ ne din mu efisɛ, ne yam ye.
4Oyii Yakob maa ne ho na oyii Israelfo sɛ nʼankasa ne de.
5Minim sɛ yɛn Awurade yɛ ɔkɛse;
Ɔyɛ ɔkɛse sen anyame no nyinaa.
6Ɔyɛ nea ɔpɛ biara wɔ soro ne asase so, ɛpo mu ne ɛpo ase pɛɛ.
7Ɔma ahum mu mununkum fi asase ano ba; ɔma anyinam twa fi ahum no mu na watwe mframa afi ne hintabea.
8Okum nnipa ne mmoa nyinaa mmakan wɔ Misraim.
9Ɛhɔ na ɔyɛɛ anwonwade de twee ɔhene ne ne mpanyimfo aso.
10Ɔsɛee aman pii, kunkum ahene atumfo.
11Okum Amorihene,
Sihon.
Okum Basanhene, Og ne ahene a wɔwɔ Kanaan nyinaa.
12Ɔde wɔn nsase maa ne nkurɔfo.
Ɔde maa Israel.
13 Awurade, daa wɔbɔ wo din sɛ woyɛ Onyankopɔn.
Nkyirimma nyinaa bɛkae wo.
14 Awurade bɛbɔ ne nkurɔfo ho ban.
Obehu nʼasomfo mmɔbɔ.
15Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ aman no mu anyame no; wɔde nnipa nsa nso na ɛyɛe.
16Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa; wɔwɔ ani, nanso wonhu ade,
17wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm na wontumi nhome nso.
18Wɔn a wɔyɛɛ wɔn na wogye wɔn di no nyinaa nyɛ te sɛ ahoni no ara pɛ.
19Monkamfo Awurade, nnipa a mowɔ Israel; monkamfo no, mo Nyankopɔn asɔfo!
20Monkamfo no, mo Lewifo; monkamfo no, mo a mosom no nyinaa!
21Monkamfo Awurade wɔ Sion, wɔ Yerusalem, ne fi.
Kamfo Awurade!
Copyright information for TwiNAK