Psalms 139

Onyankopɔn nyansa ne ne hwɛ

1 Awurade, woahwehwɛ me mu na woahu me.
2Wunim biribiara a meyɛ; wuhu me nsusuwii nyinaa fi akyirikyiri.
3Sɛ mereyɛ adwuma a, wuhu; sɛ merehome nso a, saa ara.
Wunim mʼahokeka nyinaa.
4Ansa na mebue mʼano akasa no, na wunim asɛm a mɛka.
5Woatwa me ho ahyia.
Wonam wo tumi so bɔ me ho ban.
6Me ho adwene a wowɔ no du akyiri.
Ɛboro mʼadwene so.
7Ɛhe na metumi aguan wo mafa?
Ɛhe na metumi aguan afi wʼanim mafa?
8Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ.
Na mekɔsɛw me kɛtɛ asaman a, wo ni!
9Sɛ mefa adekyee ntaban mitu mekɔtena po akyi nohɔ a,
10ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akogya me na wo nifa beso me mu.
11Na sɛ mise, esum nko mmɛkata me so na me ho hann nnan sum a,
12esum nso nnuru sum mma wo, na anadwo hran sɛ awia; esum ne hann yɛ wo pɛ.
13Mʼakwaa nyinaa wo na wobɔe; wokekaa me sisii anim wɔ me na yam.
14Mekamfo wo efisɛ, ɛsɛ sɛ wosuro wo; nea woyɛ nyinaa yɛ hu na ɛyɛ nwonwa.
Minim ne nyinaa wɔ me koma mu.
15Bere a wɔreyɛ me nnompe no wɔkeka sisii anim brɛoo wɔ me na yafunu mu.
Bere a merenyin dinn wɔ hɔ no, na wunim sɛ mewɔ hɔ;
16wuhuu me ansa na wɔrewo me.
Nna dodow a woatwa ama me no, ansa na ɛrebefiti ase no, na woakyerɛw wɔ wo nhoma mu dedaw.
17O Onyankopɔn, ɛyɛ den sɛ mehu wo nsusuwii; sɛ ne dodow yɛ ahe!
18Sɛ mise mɛkan a, ne dodow bɛboro mpoano anhwea.
Mesɔre a, meda so ne wo wɔ hɔ.
19O Onyankopɔn, me pɛ ne sɛ anka wubekum amumɔyɛfo!
Me pɛ ne sɛ basabasayɛfo begyaa me haw!
20Wɔka amumɔyɛsɛm fa wo ho; wɔka bɔne fa wo din ho.
21O Awurade, mikyi wɔn a wokyi wo na mimmu wɔn a wɔsɔre tia wo no nso.
22Mikyi wɔn kɔkɔɔkɔ; mefa wɔn sɛ mʼatamfo.
23Hwehwɛ me mu,
O Onyankopɔn, na hu mʼadwene; sɔ me hwɛ na hu mʼadwene.
24Na hwɛ sɛ amane kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!
Copyright information for TwiNAK