Psalms 149

Ayeyi dwom

1Kamfo Awurade.
To dwom foforo ma Awurade.
Kamfo no wɔ ne gyidifo bagua mu.
2Ma wʼani nnye,
Israel, wo boafo nti.
Momma mo ani nnye, Sionfo, esiane mo hene nti!
3Momfa asaw nkamfo ne din.
Mommɔ nkyene ne nsanku nkamfo ne din.
4 Awurade ani gye ne nkurɔfo ho.
Ɔma ɔhobrɛaseni di nkonim de hyɛ no anuonyam.
5Momma Onyankopɔn ani nnye wɔ wɔn nkonimdi mu na wɔnto ahosɛpɛw nnwom anadwo mu nyinaa.
6Wɔrekamfo Onyankopɔn no, wɔnteɛm dennen bere a wokita wɔn nkrante nnamnnam no a,
7wɔde bedi aman so na wɔatwe nnipa aso
8na wɔakyekyere ahene wɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, wɔn mpanyimfo daban nkɔnsɔnkɔnsɔn mu,
9na wɔatwe aman aso sɛnea Onyankopɔn ahyɛ no.
Eyi ne Onyankopɔn nkurɔfo nkonimdi.
Kamfo Awurade.
Copyright information for TwiNAK