Psalms 22

Awerɛhow mu su ne ayeyi dwom

1Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?
Masu mmɔborɔsu repɛ mmoa, nanso ennu.
2Mefrɛ wo awia, me Nyankopɔn, nanso wunnye me so.
Mefrɛ wo anadwo, nanso minnya home.
3Nanso wɔasi wo hene sɛ ɔkronkronni a Israel kamfo wo.
4Yɛn nenanom de wɔn ho too wo so; wɔde wɔn ho too wo so, na wugyee wɔn nkwa.
5Wɔfrɛɛ wo, na wɔnam so fii amane mu.
Wɔde wɔn ho too wo so, na woanni wɔn huammɔ.
6Mprempren, menyɛ onipa bio.
Meyɛ osunson a wommu no na obiara tiatia ne so.
7Obiara a ohu me di me ho fɛw.
Wɔtwe wɔn tɛkrɛma wosow wɔn ti.
8Wɔka se, “Wode wo ho too Awurade so na adɛn nti na onnye wo nkwa?
Awurade pɛ wʼasɛm a, adɛn nti na ɔmmoa wo?”
9Wo na wode me fi mʼawo mu bae dwoodwoo.
Na meyɛ akokoaa no, wo na wohwɛɛ me so.
10Efi bere a wɔwoo me na mede me ho metoo wo so, na woyɛ me Nyankopɔn daa.
11Ntew wo ho mfi me ho!
Amane abɛn, na ɔboafo nni baabi.
12Mʼatamfo atwa me ho ahyia sɛ anantwinini.
Wɔatwa me ho ahyia te sɛ anantwinini a wɔn ho yɛ hu a wofi Basan.
13Wobuebue wɔn anom te sɛ agyata a wɔrepɔ so retetew me.
14Mʼahoɔden asa; asa te sɛ nsu a wɔahwie agu fam.
Me nnompe ahodwow.
Me koma ayɛ sɛ nku a anan.
15Me menewa mu ayow te sɛ mfutuma.
Na me tɛkrɛma tare mʼanom.
Woagyaw me sɛ minwu wɔ mfutuma mu.
16Nnebɔneyɛfo atwa me ho ahyia; wɔte sɛ akramankuw a wɔaka me ahyɛ wɔn ntam.
Wɔkeka me nsa ne me nan.
17Me nnompe nyinaa apuepue.
Mʼatamfo hwɛ me haa.
18Wɔbɔ me ntade so ntonto kyekyɛ ma wɔn ho.
19O Awurade, ntew wo ho mfi me ho!
Bra ntɛm begye me nkwa!
20Gye me fi nkrante ano; gye me nkwa fi saa akraman yi mu.
21Gye me nkwa fi saa agyata yi mu.
Minni mmoa biara wɔ saa anantwinini yi mu.
22Mɛka nea woayɛ akyerɛ me nkurɔfo.
Mɛkamfo wo wɔ wɔn aguabɔ ase.
23“Monkamfo no, mo a moyɛ Awurade asomfo!
Munni no ni, mo a moyɛ Yakob asefo!
Monsom no, mo Israelfo!
24Ɔnto ohiani anaa ɔmanehunufo agyaagyaamu.
Onnyaw wɔn hɔ na mmom sɛ wɔfrɛ no a, ogye wɔn so.”
25Bagua no nyinaa anim na mɛkamfo wo wɔ nea woayɛ ama me no ho.
Wɔn a wɔsom wo no anim na mɛbɔ afɔre a mahyɛ ho bɔ no.
26Ahiafo bedi dodow biara a wɔpɛ.
Wɔn a wɔba Awurade nkyɛn no bɛkamfo no.
Wɔbɛkɔ so daa daa.
27Aman nyinaa bɛkae Awurade.
Wɔn a wɔwɔ wiase afanan nyinaa bɛkɔ ne nkyɛn akɔsom no.
28 Awurade yɛ ɔhene, na odi aman nyinaa so.
29Ahantanfo nyinaa bɛkotow no.
Adasamma nyinaa bɛkotow no.
30Nkyirimma nyinaa bɛsom no.
Nnipa bɛka Awurade ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
31Wɔbɛka akyerɛ wɔn a wonnya nwoo wɔn no se, “Awurade gyee ne nkurɔfo nkwa.”
Copyright information for TwiNAK