Psalms 24

Ɔhene kɛse no

1Wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de.
Asase ne wɔn a wɔte so nyinaa yɛ Awurade de.
2Osii wɔ nsu ase akyirikyiri wɔ asase ase,
na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo no ase hɔ.
3Hena na ɔwɔ tumi sɛ ɔkɔ Awurade bepɔw so?
Hena na obetumi akɔ ne fi kronkron no mu?
4Ɛyɛ wɔn a wɔyɛ ade trenee na wodwen adwene pa na wɔnsom anyame na wɔnhyɛ bɔ hunu no.
5 Awurade behyira wɔn na wagye wɔn nkwa.
Onyankopɔn bebu wɔn bem.
6Saa nnipa no na wɔba Onyankopɔn nkyɛn.
Wɔn na wɔba Yakob Nyankopɔn anim.
7Mummue ɔpon no kɛse.
Mummue tete apon no na ɔhene kɛse no bɛfa mu.
8Hena ne saa ɔhene kɛse yi?
Ɔno ne Awurade, ɔhoɔdenfo ne otumfoɔ no;
Awurade, ɔko mu nkonimdifo.
9Mummue ɔpon no kɛse.
Mummue tete apon no na ɔhene kɛse no bɛfa mu.
10Hena ne saa ɔhene kɛse yi?
Nkonimdi Awurade; ɔno ne ɔhene kɛse no!
Copyright information for TwiNAK