Psalms 28

Mmoa mpaebɔ

1O Awurade, me gyefo, mefrɛ wo; tie me sufrɛ!
Sɛ woannye me so a mɛfra wɔn a wɔkɔ asaman no mu.
2Sɛ misu frɛ se boa me na mema me nsa so kyerɛ wo fi hɔ a, tie me.
3Mmu me fɔ mfa me mfra nnebɔneyɛfo, wɔn a wɔyɛ bɔne no; nnipa a wɔn anom nsɛm yɛ dɛ nanso wɔwɔ ɔtan wɔ wɔn koma mu no mu.
4Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so; wɔn bɔne a wɔayɛ no so.
Twe wɔn aso wɔ wɔn nneyɛe nyinaa so.
Nea ɛfata wɔn no, fa ma wɔn!
5Wonhu nea Awurade ayɛ ne ne nsa ano nnwuma; enti ɔbɛtwe wɔn aso na wasɛe wɔn korakora.
6Kamfo Awurade; watie me sufrɛ.
7 Awurade bɔ me ho ban; mewɔ ne mu ahotoso.
Ɔboa me na mʼani gye.
Mede ayeyi nnwom kamfo no.
8 Awurade bɔ ne nkurɔfo ho ban; ɔbɔ ne hene a wayi no no ho ban, gye no nkwa.
9 Awurade, gye wo nkurɔfo nkwa, na hyira wɔn a wɔyɛ wo dea.
Yɛ wɔn guanhwɛfo na hwɛ wɔn so daa nyinaa.
Copyright information for TwiNAK