Psalms 3

Ahohia bere mu anɔpa mpae

1O Awurade, nnipa bebree tia me.
Nnipa pii pɛ sɛ wɔhaw me.
Mewɔ atamfo bebree.
2Bebree no ara ka se Onyankopɔn remmoa me da.
3Nanso, Awurade, wone me kyɛm, mʼanuonyam ne mʼanidaso.
Wo nko ara na wubetumi apagyaw me ti a masi no ase aniwu mu no.
4Misu mefrɛɛ Awurade, na ɔtee me nka wɔ nʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu.
5Metɔ hɔ da, na anadwo no nyinaa,
Awurade bɔ me ho ban ma minyan asomdwoe mu.
6Ɛwom sɛ mprempren atamfo ɔpedu atwa me ho ahyia de, nanso minsuro.
7Mesu mafrɛ no se, “Sɔre,
O Awurade!
Gye me nkwa, o me Nyankopɔn!” Na bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye.
Na bubu nnebɔneyɛfo se.
8Efisɛ, nkwagye fi Onyankopɔn.
Na ohyira ne nkurɔfo nyinaa.
Copyright information for TwiNAK