Psalms 33

Ayeyi Dwom

1Mo a moyɛ atreneefo, nea Awurade ayɛ nti, monteɛm nni ahurusi; mo a mutie no, monkamfo no.
2Monna Awurade ase wɔ asanku so na momfa asanku a nhama gu so nto nnwom mma no.
3Monto dwom foforo mma no.
Momfa nyansa mmɔ sanku no na monteɛm ahurusi so!
4 Awurade nsɛm yɛ nokware na ne nnwuma biara nni huammɔ.
5 Awurade dɔ nea ɛyɛ trenee na ɛyɛ pɛ.
Ne dɔ hyɛ asase so ma daa.
6 Awurade nam ne tumi so na ɔbɔɔ soro, owia, ɔsram ne nsoromma a efi nʼanom asɛm so.
7Ɔboaa ɛpo nyinaa ano koguu faako.
Ɔtoo ɛpo hahanaa no mu wɔ nʼakorae.
8Asase sofo nyinaa, munsuro Awurade!
Wiasefo nyinaa, monhyɛ no anuonyam.
9Ɔkasae na wɔbɔɔ asase; na ne tumi mu na biribiara bae.
10 Awurade maa amanaman nsusuwii kae.
Wamma wɔanyɛ wɔn nhyehyɛe.
11Nanso, ɔno de, ne nhyehyɛe wɔ hɔ daa.
Ne botae wɔ hɔ daa nyinaa.
12Asomdwoe nka kurow a ne Nyankopɔn ne Awurade.
Nhyira nka nnipa a wayi wɔn sɛ ne de!
13 Awurade hwɛ adasamma nyinaa fi soro.
14Ofi baabi a odi hene no hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.
15Onim wɔn komam na onim nea wɔyɛ nyinaa.
16Ɛnyɛ ɔhene asraafo tumi so na ɔnam di nkonim.
Ɛnyɛ ɔsraani ahoɔden so na ɔnam di nkonim.
17Ɔsa mu apɔnkɔ ho nni mfaso wɔ nkonimdi mu.
Wɔn ahoɔden ntumi nnye nkwa.
18 Awurade hwɛ wɔn a wotie no ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne dɔ no so daa.
19Ogye wɔn fi owu mu.
Ɔkɔm kɛse mu, ɔhwɛ wɔn.
20Yɛn ani da Awurade so.
Ɔyɛ yɛn guankɔbea ne yɛn boafo.
21Ne nti, yɛn ani agye.
Yegye ne din kronkron no di.
22Ma wo dɔ a wodɔ yɛn daa no nka yɛn ho,
Awurade, wɔ bere a yɛde yɛn ho to wo so yi.
Copyright information for TwiNAK