Psalms 37

Ɔdebɔneyɛfo ne ɔtreneeni hyɛbere

1Mma wo werɛ nnhow wɔ nnebɔneyɛfo ho; mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne.
2Wɔbɛhyew te sɛ sare a awo.
Wobewu te sɛ afifide a atwintwam.
3Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa.
Tena asase no so na bɔne amma wo so.
4Hwehwɛ ahotɔ wɔ Awurade mu na ɔbɛma wo nea wo koma pɛ.
5Fa wo ho ma Awurade; fa wo ho to no so na ɔbɛboa wo;
6ɔbɛma wo treneeyɛ ada adi te sɛ owigyinae mu awia.
7Tɔ wo bo ase na twɛn nea Awurade bɛyɛ; mma obi a odi yiye anaa wɔn a wodi nkonim wɔ wɔn bɔne mu ho asɛm nnhaw wo.
8Nni awerɛhow na mma wo bo mmfuw; ɛde ɔhaw na ɛba.
9Wɔn a wogye Awurade di no benya asase no; na wɔbɛpam nnebɔneyɛfo no.
10Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera.
Wobɛhwehwɛ wɔn nanso worenhu wɔn;
11ahobrɛasefo nsa bɛka asase no na wɔanya asomdwoe.
12Ɔdebɔneyɛfo wowɔ ɔtreneeni ase, na ɔde ɔtan aniwa hwɛ no.
13Nanso Awurade serew nnebɔneyɛfo efisɛ, onim sɛ ɛrenkyɛ na wɔasɛe wɔn.
14Ɔdebɔneyɛfo twe ne nkrante na ɔkoa ne tadua mu de kum ahiafo, mmɔborɔfo ne atreneefo.
15Nanso wɔn ankasa nkrante ano na wobewuwu, na wubebu wɔn tadua mu.
16Kakra a ɔtreneeni wɔ no som bo sen nnebɔneyɛfo ahonya nyinaa
17efisɛ,
Awurade begye nnebɔneyɛfo ahoɔden na wabɔ atreneefo ho ban.
18 Awurade hwɛ wɔn a wotie no, na asase no bɛyɛ wɔn dea daa daa.
19Wɔrenhu amane bere bɔne mu.
Ɔkɔm kɛse mu wobedidi ama aso wɔn.
20Nanso nnebɔneyɛfo bewuwu.
Awurade atamfo bɛyera te sɛ wuram nhwiren; wɔbɛyera te sɛ wusiw.
21Ɔdebɔneyɛfo bɔ bosea, nanso ontumi ntua da, nanso ɔtreneeni yɛ ayamye!
22Wɔn a Awurade ahyira wɔn no na wɔbɛfa asase no na wɔapam wɔn a wɔadome wɔn no.
23 Awurade yɛ ɔkwankyerɛfo, na ɔbɔ wɔn a wɔsɔ nʼani ho ban.
24Sɛ wɔhwe ase a wɔrenka fam efisɛ,
Awurade bɛma wɔn so.
25Mabɔ akora mprempren.
Matena ase akyɛ nanso minhuu ɔtreneeni a Awurade agyaa no da, anaasɛ ne mma resrɛ aduan.
26Bere biara ɔma kwa, na ɔfɛm afoforo; na ne mma yɛ nhyira.
27Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papa na wʼasefo bɛtena asase no so daa daa.
28Efisɛ,
Awurade pɛ nea ɛteɛ, na onnyaw ne nkurɔfo a wogye no di.
Ɔbɔ wɔn ho ban daa nyinaa.
Nanso ɔbɛpam nnebɔneyɛfo asefo.
29Atreneefo benya asase no na wɔatena so daa nyinaa.
30Ɔtreneeni nsɛm mu wɔ aba, na daa ɔyɛ pɛ.
31Ɔde ne Nyankopɔn mmara sie ne koma mu a ommu so.
32Ɔdebɔneyɛfo dɛɛdɛɛ ɔtreneeni hwehwɛ sɛ okum no,
33nanso,
Awurade nnyaa no mma ne tamfo tumi, anaa ɔmma wommu no fɔ wɔ asennii.
34Ma wʼani nna Awurade so na di ne mmara so; ɔde asase no bɛma wo de ahyɛ wo anuonyam, na wubehu sɛ wɔbɛpam ɔdebɔneyɛfo no.
35Bere bi na minim ɔdebɔneyɛfo bi a na ɔtane nnipa ani.
Ɔkorɔn sen obiara te sɛ Lebanon sida.
36Akyiri yi, mefaa hɔ nanso manhu no.
Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
37Hwɛ sɛnea onipa pa no brɛ nʼani ase hwɛ ɔtreneeni no.
Ɔsomdwoeni wɔ asefo,
38nanso nnebɔneyɛfo de, wɔsɛe wɔn koraa na wɔpopa wɔn asefo.
39 Awurade gye atreneefo nkwa na ɔbɔ wɔn ho ban fi amane mu.
40Ɔboa wɔn, gye wɔn; ogye wɔn fi nnebɔneyɛfo nsam efisɛ, wɔde no yɛ wɔn guankɔbea.
Copyright information for TwiNAK